Add parallel Print Page Options

Sɛnea nhyehyɛe no bɛyɛ

Obiara a ogye di sɛ Yesu yɛ Agyenkwa no yɛ Onyankopɔn ba. Na obiara a ɔdɔ Agya no dɔ ne Ba no nso. Eyi na ɛma yehu sɛ yɛdɔ Onyankopɔn mma: ɛyɛ ɔdɔ a yɛdɔ Onyankopɔn ne di a yedi ne mmara so. Ɔdɔ a yɛdɔ Onyankopɔn no, kyerɛ di a yɛdi ne mmara so. Na ne mmara no nso so di nyɛ den mma yɛn, efisɛ, Onyankopɔn ba biara tumi di wiase so. Saa kwan yi so na yɛnam di wiase so nkonim: yɛde yɛn gyidi.

Hena na obetumi adi wiase so? Obi a ogye di sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no nko.

Yesu Kristo ho adansedi

Yesu Kristo yɛ obi a ɔnam nsu ne mogya so bae. Ɛnyɛ nsu nko so na ɔnam bae na mmom nsu ne mogya. Na ɛyɛ Honhom no na edi ho adanse efisɛ, Honhom no ne nokware no. Adansefo baasa na wɔwɔ hɔ, Honhom no, nsu no ne mogya no. Saa adansefo yi adwene hyia. Yegye adanse a nnipa di no di; adanse a Onyankopɔn di no mu yɛ den yiye. Na saa adanse no na Onyankopɔn adi afa ne Ba no ho no. 10 Enti obi a ogye Onyankopɔn Ba no di no wɔ saa adanse yi wɔ ne koma mu. Na obi a onnye Onyankopɔn nni no ama Onyankopɔn ayɛ ɔtorofo, efisɛ, wannye adanse a Onyankopɔn di faa ne Ba no ho no anni.

11 Eyi ne adanse no: Onyankopɔn ama yɛn nkwa a enni awiei; na saa nkwa no wɔ ne Ba no mu. 12 Obiara a ɔwɔ Ɔba no wɔ saa nkwa no na obiara a onni Ɔba no nni nkwa no.

Nkwa a enni awiei

13 Merekyerɛw mo eyi sɛnea ɛbɛma moahu sɛ mowɔ nkwa a enni awiei, mo a mugye Onyankopɔn Ba no din di no. 14 Yensuro wɔ Onyankopɔn anim, efisɛ, yenim sɛ biribiara a yebisa no no, otie yɛn wɔ ne pɛ mu. 15 Bere biara a yebisa no no, otie yɛn. Yɛahu sɛ eyi yɛ nokware yi, yenim nso sɛ ɔma yɛn nea yebisa no biara.

16 Sɛ obi hu sɛ ne nua ayɛ bɔne bi a ɛmfa no nkɔ owu mu a, ɔmmɔ Onyankopɔn a ɔbɛma no nkwa no mpae mma no. Eyi ka wɔn a wɔn bɔne mfa wɔn nkɔ owu mu no ho. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛde onipa kɔ owu mu na ɛno ho de, menka se mommɔ ho mpae nkyerɛ Onyankopɔn. 17 Afideyɛ nyinaa yɛ bɔne, nanso bɔne bi wɔ hɔ a enkowie owu mu.

18 Yenim sɛ Onyankopɔn ba biara nkɔ so nyɛ bɔne, efisɛ, Onyankopɔn Ba no hwɛ no, na ɔbonsam ntumi nyɛ no bɔne. 19 Yenim sɛ, ɛwom sɛ wiase nyinaa hyɛ ɔbonsam tumi ase, nanso yɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfo. 20 Yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba, na wama yɛn ntease ama yɛahu Onyankopɔn kann no. Yɛn abrabɔ wɔ Onyankopɔn kann no ne ne Ba Yesu Kristo no mu. Eyi ne Onyankopɔn kann no ne nkwa a enni awiei no.

21 Me mma, montwe mo ho mfi abosom ho.