Add parallel Print Page Options

Nkyerɛkyerɛ pa ne nkyerɛkyerɛ bɔne

Me nuanom adɔfo, munnnye wɔn a wɔka se wɔwɔ Honhom no nyinaa nni. Mmom monsɔ nhwɛ nhu sɛ honhom a wɔwɔ no fi Onyankopɔn anaa. Efisɛ, atoro adiyifo bebree ahwete. Ɔkwan a wubetumi afa so ahu sɛ obi wɔ Onyankopɔn Honhom no ne sɛ, ɔbɛpae mu aka se, Yesu Kristo, a ɔbae sɛ onipa no, wɔ Honhom a efi Onyankopɔn. Na nea ɔnka saa mfa Yesu ho no nni Honhom a efi Onyankopɔn. Saa Honhom no yɛ Kristo tamfo. Motee sɛ saa na ɛbɛba nanso ɛwɔ wiase ha dedaw.

Me mma, moyɛ Onyankopɔn abusuafo na moadi atoro adiyifo no so, efisɛ, Honhom a ɛwɔ mo mu no wɔ tumi sen Honhom a ɛwɔ wɔn a wɔyɛ wiasefo no mu no. Wɔka nsɛm a ɛfa wiase ho ma wiase tie efisɛ, wɔyɛ wiasefo. Nanso yɛn de, yɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Obiara a onim Onyankopɔn no tie yɛn. Na obiara a ɔnyɛ Onyankopɔn nipa no ntie yɛn. Eyi nko ara ne ɔkwan a yɛnam so akyerɛ nokware Honhom ne atoro Honhom mu.

Onyankopɔn yɛ ɔdɔ

Anuanom, momma yɛnnodɔ yɛn ho efisɛ, ɔdɔ fi Onyankopɔn. Obi a ɔwɔ ɔdɔ no yɛ Onyankopɔn ba na onim Onyankopɔn nso. Obi a onni ɔdɔ no nnim Onyankopɔn efisɛ, Onyankopɔn yɛ ɔdɔ.

Ɔkwan a Onyankopɔn nam so da ne dɔ adi kyerɛ yɛn ne no. Ɔsomaa ne Ba koro no baa wiase, sɛnea yɛbɛfa ne so anya nkwa. 10 Saa na ɔdɔ te. Ɛnkyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn na mmom ɔno na ɔdɔ yɛn nti na ɔsomaa ne Ba sɛ yɛmfa ne so na wɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn.

11 Anuanom adɔfo, sɛ saa na Onyankopɔn dɔ yɛn a, na ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho. 12 Obiara nhuu Onyankopɔn da. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu na ne dɔ no ayɛ pɛpɛɛpɛ wɔ yɛn mu. 13 Eyi na ɛma yehu pefee sɛ yɛte Onyankopɔn mu na ɔno nso te yɛn mu. Wama yɛn ne Honhom. 14 Na yɛahu na yɛaka akyerɛ afoforo se Agya no somaa ne Ba ma ɔbɛyɛɛ wiase Agyenkwa. 15 Obiara a ɔpae mu ka se Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no, Onyankopɔn te ne mu na ɔno nso te Onyankopɔn mu.

16 Na yɛn ankasa nim na yegye Onyankopɔn dɔ a ɔde dɔ yɛn no di. Onyankopɔn yɛ ɔdɔ na obiara a ɔte ɔdɔ mu no te Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso te ne mu. 17 Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ pɛ wɔ yɛn mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya akokoduru Atemmu da no. Na yebenya saa akokoduru no nso, efisɛ, yɛn abrabɔ wɔ wiase ha no te sɛ Kristo de pɛ.

18 Osuro nni ɔdɔ mu. Ɔdɔ amapa pam ehu nyinaa. Enti obi a osuro no, na ɔdɔ a ɔwɔ no nyɛ pɛ, efisɛ, ehu ne asotwe na ɛnam. 19 Yɛwɔ ɔdɔ, efisɛ, Onyankopɔn na ɔdɔɔ yɛn kan.

20 Sɛ obi ka se, “Medɔ Onyankopɔn” na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Na ɔrentumi nnɔ Onyankopɔn a onhuu no da, efisɛ, ne nua a ohu no koraa ɔnnɔ no. 21 Eyi ne mmara a Kristo hyɛ maa yɛn. Nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne nua nso.