Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn asomfo kann

Eyi akyi no, mihuu abɔfo baanan sɛ, wogyinagyina asase ntweaa anan no so a, wɔretwe mframa anan a ɛwɔ asase so no san sɛnea ɛbɛyɛ a, mframa biara remmɔ wɔ asase ne po so ne baabiara. Ɛnna mihuu ɔbɔfo foforo a ofi apuei reba a okita Onyankopɔn a ɔte ase no nsɔwano. Ɔteɛɛm frɛɛ abɔfo baanan no a na Onyankopɔn ama wɔn tumi sɛ wɔnsɛe asase ne ɛpo no. Ɔbɔfo no kae se, “Monnsɛe asase ne ɛpo anaa nnua kosi sɛ yɛde nsɔwano bɛhyɛ Onyankopɔn asomfo no agyirae.”

Na wɔkyerɛɛ me wɔn a wɔde Onyankopɔn nsɔwano hyɛɛ wɔn agyirae wɔ wɔn moma so no dodow. Wɔn nyinaa dodow yɛ ɔpeha aduanan anan a, wɔn nyinaa fi Israel mmusuakuw no mu.

Yuda abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Ruben abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Gad abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien

Aser abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Naftali abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Manase abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien.

Simeon abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Lewi abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Isakar abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien.

Sebulon abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Yosef abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien. Benyamin abusuakuw mu nnipa a wɔsɔw wɔn ano si mpem dumien.

Nnipakuw

Eyi akyi no, mihuu nnipakuw a obiara ntumi nkan wɔn dodow. Wofifi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa nyinaa mu a wogyinagyina ahengua no ne Oguammaa no anim a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa kitakita berɛw. 10 Wɔteɛɛm se, “Yɛn nkwagye fi yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne Oguammaa no.”

11 Na abɔfo no atwa ahengua no ne mpanyimfo no ne ateasefo baanan no ho ahyia. Afei wobutubutuw ahengua no anim, som Onyankopɔn 12 kae se, “Amen! Nhyira ne anuonyam ne nyansa ne aseda ne nidi ne tumi ne ahoɔden yɛ Onyankopɔn de daa daa! Amen!”

13 Mpanyimfo no mu baako bisaa me se, “Ɛhefo na wɔhyehyɛ ntade fitafitaa yi, na wofi he?”

14 Mibuae se “Minnim, owura. Na wo na wunim.” Ɔka kyerɛɛ me se, “Eyinom ne wɔn a wɔafi ɔtaa mu. Wɔde Oguammaa no mogya ahoro wɔn ntade ama ayɛ fitaa. 15 Na ɛno nti na wogyina Onyankopɔn ahengua anim a wɔresom awia ne anadwo wɔ ne hyiadan mu yi. Nea ɔbɛtena ahengua no so no bɛbɔ wɔn ho ban. 16 Sukɔm renne wɔn bio. Owia anaa ɔhyew biara renhye wɔn bio, 17 efisɛ, Oguammaa no a ɔwɔ ahengua no mfinimfini no bɛyɛ wɔn guanhwɛfo de wɔn akɔ nkwa asuti ho. Na Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwa mu nisu nyinaa.”