Add parallel Print Page Options

Nsɔwano nhoma no

Mihui sɛ nea ɔte ahengua so no kita nhoma bi wɔ ne nsa nifa mu. Na wɔakyerɛw akyiri ne anim nyinaa a wɔde nsɔwano ason asosɔw ano. Mihuu ɔbɔfo tumfoɔ bi a ɔde nne kɛse kae se, “Hena na ɔfata sɛ obue nsɔwano no na obue nhoma no mu?” Nanso wɔannya obiara a ɔwɔ soro anaa asase so anaa asase ase a otumi buee nhoma no mu hwɛɛ mu.

Misui yiye efisɛ, wɔannya obiara a ɔfata sɛ obue nhoma no ano na ɔhwɛ mu.

Afei ɔpanyin baako ka kyerɛɛ me se, “Nsu. Hwɛ! Gyata a ofi Yuda abusuakuw mu a, ɔyɛ Dawid aseni adi nkonim, na obetumi abue nsɔwano ason no na wabue nhoma no ano.”

Afei mihuu oguammaa bi sɛ ogyina ahengua no mfinimfini a ateasefo baanan no ne mpanyimfo no atwa ne ho ahyia. Wohwɛ a na ɛsɛ nea wɔakum Oguammaa no. Na ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason a egyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom ason no a wɔasoma wɔn aba wiase no. Oguammaa no kogyee nhoma no fii nea ɔte ahengua so no nsa nifa mu. Ɔyɛɛ saa no, ateasefo baanan no ne mpanyimfo aduonu anan no butubutuw Oguammaa no anim. Na wɔn mu biara kita sanku ne sika ayowa a aduhuam a Onyankopɔn nkurɔfo de bɔ mpae wɔ mu.

Wɔtoo dwom foforo se, “Wofata sɛ wofa nhoma no na wubue ne nsɔwano no. Efisɛ, wokum wo, na ɛnam wo wu so ma wɔtɔɔ nnipa fii abusua biara, kasa biara, ɔman biara ne nkurɔfo biara mu maa Onyankopɔn. 10 Woayɛ wɔn asɔfo ahemman sɛ, wɔnsom yɛn Nyankopɔn, na wobedi asase so hene.”

11 Bio mehwɛe, tee abɔfo mpempem nka. Na wɔatwa ahengua no ne ateasefo baanan no ne mpanyimfo no ho ahyia 12 reto dwom dennen se, “Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn a wokum no no nya tumi, ahonya, nyansa ne ahoɔden ne nidi ne anuonyam ne nkamfo!”

13 Na metee sɛ abɔde a wɔwɔ soro, asase so, asase ase ne abɔde biara a wɔwɔ po mu ne abɔde biara a wɔwɔ wiase nyinaa reto dwom se, “Nhyira ne nidi ne anuonyam ne tumi nka nea ɔte ahengua no so ne Oguammaa no daa daa!” 14 Abɔde anan no gyee so se, “Amen!” Na mpanyimfo no butubutuw hɔ somee.