Add parallel Print Page Options

Nnipakuw a wɔwɔ soro ani gye

19 Eyi akyi metee nne bi te sɛ nnipakuw a wɔwɔ soro se, “Haleluia! Nkwagye ne anuonyam ne tumi wɔ yɛn Nyankopɔn efisɛ, n’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ sɛ obuu oguamanfo kɛse a ɔde n’aguamammɔ asɛe asase no atɛn. Onyankopɔn atwe n’aso efisɛ, okum n’asomfo.”

Na afei wɔteɛɛm bio se, “Haleluia! Wusiw a efi ne nkyɛn no kɔ soro daa daa.”

Mpanyimfo aduonu anan ne ateasefo baanan no butubutuw Onyankopɔn a ɔte n’ahengua so no anim som no. Na wɔteɛɛm se, “Amen, Haleluia!”

Afei ɛnne bi fi ahengua no so bae se, “Monkamfo yɛn Nyankopɔn, mo a moyɛ n’asomfo nyinaa, mo a musuro no, akɛse ne nkumaa!”

Afei metee nne bi te sɛ nnipadɔm a ɛte sɛ nsuworoso ne aprannaa a ɛrepaepae a ɛreteɛm se, “Haleluia! Yɛn Tumfoɔ Awurade Nyankopɔn di hene. Momma yɛn ho nsɛpɛw yɛn na yɛn ani nnye na yɛnhyɛ no anuonyam efisɛ, Oguammaa no ayeforohyia adu a n’ayeforokunu asiesie ne ho. Wɔde nwera pa a ani hyerɛn na ani tew maa no sɛ ɔnhyɛ.” Nwera no kyerɛ Onyankopɔn nkurɔfo trenee adeyɛ.

Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ me se, “Kyerɛw se, Nhyira nka wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn Oguammaa no ayeforohyia anwummere apontow ase.” Ɔka kaa ho se, “Eyi yɛ Onyankopɔn asɛm turodoo.”

10 Mibutuw ne nan ase som no. Nanso ɔka kyerɛɛ me se, “Nyɛ saa, efisɛ, meyɛ ɔsomfo te sɛ wo ne wo nuanom a wodi Yesu ho adanse no. Som Onyankopɔn efisɛ, nokware a Yesu daa no adi no na ɛhyɛɛ adiyifo no nkuran.”

Ahene mu Hene

11 Afei mihui sɛ ɔsoro abue a ɔpɔnkɔ fitaa wɔ hɔ. Na nea ɔte ne so no din de “Ɔseadeɛyɔ ne Ɔnokwafo.” Nokware na ogyina so bu atɛn ko ne ko. 12 N’aniwa te sɛ ogya a ɛredɛw a na ɔhyɛ ahenkyɛw bebree. Na ɔwɔ din bi a wɔakyerɛw agu ne ho, nanso na obiara nnim nea ɛyɛ ka ne ho. 13 Na wɔde n’atade a ɛhyɛ no no anu mogya mu. Din a wɔde frɛ no ne “Onyankopɔn Asɛm.” 14 Ɔsoro asraafo a wɔhyehyɛ nwera fitaa a ani tew a wɔtete apɔnkɔ fitafitaa so dii n’akyi.

15 Nkrante a ano yɛ nnam yiye a ɔde bedi aman so fii n’anom bae. Dade poma na ɔde bɛtetew wɔn. Obetiatia Onyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa so tumfoɔ no abufuw a ɛyɛ den no nsakyiamoa no so. 16 Na wɔakyerɛw edin “AHENE MU HENE NE AWURADE MU AWURADE” agu n’atade mu ne ne nan ho.

17 Afei mihuu ɔbɔfo bi a ogyina owia mu. Ɔteɛɛm guu nnomaa a wɔnam wim nyinaa so se, “Mommra mmehyiam wɔ Onyankopɔn apontow kɛse no ase. 18 Mummedi ahemfo nam ne asafohene nam ne atumfo nam ne apɔnkɔ ne wɔn a wɔtete wɔn so nam ne adehye ne nkoa ne akɛse ne nkumaa nyinaa nam.”

19 Afei mihuu aboa no ne asase so ahene ne wɔn asraafo a wɔaboa wɔn ho ano rekɔko atia nea ɔtena ɔpɔnkɔ no so no ne ne dɔm. 20 Wɔkyeree aboa no ne ne atorodiyifo a ɔyɛɛ anwonwade wɔ n’anim no de wɔn too afiase. Saa anwonwade no so na ɔnam daadaa wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn agyirae ne wɔn a wɔsom aboa no ohoni no. Wɔtow aboa no ne atorodiyifo no anikann guu ogya ɔtare a sɔfere na na ɛredɛw wɔ mu no mu. 21 Wɔde nkrante a efi ɔpɔnkɔkafo no anom kunkum wɔn asraafo, na nnomaa no dii wɔn nam sɛnea wobetumi.