Add parallel Print Page Options

Yesu yi ne ho adi bio

21 Akyiri yi, Yesu yii ne ho adi bio wɔ Tiberia ɔtare ho kyerɛɛ n’asuafo no mu bi. Ɔkwan a ɔfaa so yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn no ni:

Saa bere no, na Simon Petro, ne Toma, a wɔfrɛ no Ata, ne Nataniel a ofi Kana a ɛwɔ Galilea ne Sebedeo mma ne Yesu asuafo no mu baanu na na wɔwɔ ɔtare no ho.

Wɔwɔ hɔ no, Petro ka kyerɛɛ wɔn a wɔaka no se, “Merekoyi nam.” Wɔn a na wɔka ne ho no ka kyerɛɛ no se, “Yɛne wo bɛkɔ.” Wɔn nyinaa kɔtenaa ɔkorow mu kɔɔ po nanso saa anadwo no wɔanyi nam biara. Ade kyee anɔpa a anim retetew no, Yesu begyinaa mpoano hɔ nanso na asuafo no nnim sɛ ɛyɛ ɔno.

Ɔfrɛɛ asuafo no bisaa wɔn se, “Anuanom, moayi nam bi anaa?” Wobuae se, “Dabi.”

Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mungu mo asau no wɔ nifa fam na mobeyi nam.” Woguu asau no sɛnea ɔkae no. Nam yɛɛ asau no ma sɛɛ tɔ a na wɔtwe a ɛntwe.

Afei, osuani a Yesu dɔ no no ka kyerɛɛ Petro se, “Ɛyɛ Awurade.” Bere a Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔhyɛɛ n’atade, huruw tɔɔ nsu no mu guare kɔɔ mpoano hɔ. Asuafo a wɔaka no tenaa ɔkorow no mu baa mpoano hɔ bi. Wɔreba no, na wɔretwe asau a na nam ahyɛ no ma sɛɛ tɔ no. Efi faako a wɔwɔ wɔ po no so ba mpoano hɔ no bɛyɛ basafa ahanu. Woduu mpoano hɔ no wohui sɛ obi asɔ gya retoto nam na abodoo bi nso gu nkyɛn.

10 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa nam a moayi no bi mmra.” 11 Simon Petro foro kɔɔ ɔkorow no mu kɔtwee asau a na nam akɛse bɛyɛ ɔha aduonum abiɛsa wɔ mu no baa mpoano hɔ. Ɛwom sɛ na nam ayɛ asau no ma de, nanso antetew.

12 Yesu frɛɛ wɔn se, “Mummedidi.” Asuafo no mu biara ammisa no onipa ko a ɔyɛ efisɛ, na wonim sɛ ɛyɛ Awurade. 13 Yesu faa abodoo no kyekyɛ maa wɔn. Eyi akyi no, ɔkyɛɛ nam a na watoto no nso maa wɔn.

14 Eyi ne ne mpɛn abiɛsa so a Yesu sɔre fii awufo mu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no.

Petro kyerɛ ne dɔ

15 Wodidi wiei no, Yesu bisaa Simon Petro se, “Yohane ba Simon, wodɔ me sen sɛnea eyinom dɔ me no anaa?” Petro buae se, “Yiw, Awurade, wunim sɛ medɔ wo.” Yesu ka kyerɛɛ no se, “Yɛn me nguammaa,”

16 Yesu san bisaa no se, “Yohane ba Simon, wodɔ me anaa?” Petro san buae se, “Yiw, Awurade, winim sɛ medɔ wo.” Yesu san ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ me nguan.”

17 Yesu bisaa no ne mpɛn abiɛsa so se, “Yohane ba Simon, ampa ara sɛ wodɔ me?” Asɛm yi yɛɛ Petro awerɛhow sɛ Yesu abisa no saa asɛnkoro no are mpɛn abiɛsa. Enti ɔka kyerɛɛ Yesu se, “Awurade, wunim biribiara, na wunim nso sɛ, medɔ wo!” Yesu ka kyerɛɛ no se, “Yɛn me nguan.” 18 Meka nokware akyerɛ wo. Woyɛ aberante no, na wutumi siesie wo ho kɔ baabiara a wopɛ, yɛ nea wopɛ biara nso. Nanso sɛ wobɔ akwakoraa a, wobɛteɛ wo nsam na obi asiesie wo ho ama wo, de wo akɔ baabi a anka wompɛ sɛ wokɔ.” 19 Asɛm a Yesu kae no, ɔde kyerɛɛ owu ko a Petro bewu de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam. Yesu ka kyerɛɛ Petro se, ”Di m’akyi.”

20 Petro twaa n’ani hwɛɛ n’akyi hui sɛ osuani a Yesu dɔ no no di wɔn akyi. Saa osuani yi ne obi a wɔredidi no, otwiw bɛn Yesu bisaa no se, “Awurade, hena na obeyi wo ama?” no. 21 Petro huu saa osuani yi no, obisaa Yesu se, “Awurade, na oyi nso dɛn na ɛbɛto no?”

22 Yesu buaa no se, “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛsan maba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo de, di m’akyi.” 23 Asɛm a Yesu ka faa saa osuani yi ho no maa Yesu akyidifo no mu pii susuwii sɛ, saa osuani no renwu da. Nanso na ɛnyɛ nea Yesu hwehwɛ akyevrɛ nen, bere a ɔkae se, “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kosi sɛ mɛsan aba a, ɛfa wo ho bɛn?” no.

24 Saa osuani yi ne onipa a odi eyinom nyinaa ho adanse na ɔkyerɛwee nso. Yenim sɛ n’adanse no yɛ nokware. 25 Nneɛma bebree wɔ hɔ nso a Yesu yɛe a wɔankyerɛw, na sɛ wɔkyerɛwee no mmaako mmaako a, anka migye di sɛ ɛrensen wiase.