Add parallel Print Page Options

Wɔkyere Yesu

18 Yesu bɔɔ saa mpae yi wiei no, ɔne n’asuafo no fii baabi a wɔwɔ no kotwaa asu Kidron kɔɔ turo bi mu. Esiane sɛ na Yesu ne n’asuafo no taa kɔ hɔ no nti, na Yuda a oyii no mae no nim hɔ.

Asɔfo mpanyin ne Farisifo no somaa Yuda ne asraafo ne asɔredan mu awɛmfo a wokitakita akode ne akanea kɔɔ faako a wɔwɔ no.

Yesu a na onim nea ɛbɛba ne so nyinaa no kohyiaa wɔn bisaa wɔn se. “Hena na mohwehwɛ no?”

Wobuaa no se, “Yesu a ofi Nasaret no.” Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Me ni!” Na Yuda a oyii no mae no gyina hɔ bi. Yesu kae se, “Me ni” no, wopimpinii wɔn akyi na wɔhwehwee ase.

Ɔsan bisaa wɔn bio se, “Mohwehwɛ hena?” Na wobuae se, “Yesu a ofi Nasaret no.”

Yesu buaa wɔn se, “Maka akyerɛ mo dedaw se me ni. Sɛ me na mohwehwɛ me de a, ɛnne momma m’asuafo no nkɔ.” Ɔkaa eyi nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a nsɛm a waka se, “Agya, wɔn a wode wɔn maa me no mu baako koraa nyerae” no, bɛba mu.

10 Saa bere no, Petro a na okita sekan no twee, de twaa ɔsɔfo panyin no asomfo no mu baako aso nifa. Saa akoa no din de Malko.

11 Yesu ka kyerɛɛ Petro se, “Fa wo sekan no san hyɛ faako a wotwe fii. Ɛnsɛ sɛ menom kuruwa a m’agya de ama me no ano anaa?”

Yesu gyina Ana anim

12 Asraafo no ne wɔn panyin ne asɔredan mu awɛmfo no kyeree Yesu, kyekyeree ne nsa, 13 de no dii kan kɔmaa Ana a na n’ase ne Kaiafa a saa bere no na ɔyɛ ɔsɔfo panyin no. 14 Kaiafa na otuu Yudafo no fo se, eye sɛ onipa baako bewu ama ɔman no no.

Petro pa Yesu

15 Simon Petro ne osuani baako dii Yesu akyi. Na osuani baako no yɛ obi a ɔsɔfo panyin no nim no yiye. Saa osuani no na onyaa kwan kɔɔ ɔsɔfo panyin no fi hɔ. 16 Petro de ɔkaa ɔpon no akyi. Saa osuani a na onim ɔsɔfo panyin no yiye no, san bae ne abeawa a na ɔhwɛ ɔpon no ano no bɛkasae maa Petro nyaa kwan kɔɔ mu. 17 Abeawa a ogyina ɔpon ano no bisaa Petro se, “Wonyɛ saa onipa no asuafo no mu baako anaa?” Petro buae se, “Dabi.”

18 Saa bere no na ɛyɛ awɔw bere, nti na asomfo no ne asraafo no asɔ gya a wɔreto. Petro nso kogyinaa hɔ too gya no bi.

Ɔsɔfo panyin no bisa Yesu nsɛm

19 Ɔsɔfo panyin no bisaa Yesu nsɛm faa n’asuafo no ne ne nkyerɛkyerɛ ho.

20 Yesu buae se, “Mekaa me nsɛm nyinaa wɔ guam na mekyerɛkyerɛɛ wɔ asɔredan ne hyiadan mu a nnipa nyinaa hyia hɔ no. Menkaa asɛm biara wɔ kokoam. 21 Adɛn nti na wubisa saa asɛm yi? Bisa wɔn a wotiee me no. Wɔn na wonim asɛm a mekae.”

22 Yesu kaa saa no, awɛmfo no mu baako bɔɔ no sotɔre kae se, “Wo sɛɛ ne hena a wutumi kasa ɔsofo panyin anim saa.”

23 Yesu buaa no se, “Sɛ maka asɛmmɔne bi a, ka asɛm a mekae no na obiara a ɔwɔ ha nte bi. Na sɛ asɛm a mekae no nso yɛ nokware de a, adɛn nti na wobɔ me?”

24 Afei Ana ma wɔde Yesu a wɔakyekyere ne nsa no kɔɔ ɔsɔfo panyin Kaiafa anim.

Petro pa Yesu bio

25 Bere a Petro da so gyina hɔ reto gya no bi no, wɔn a na wogyina hɔ no mu bi bisaa no se, “Wo nso wonyɛ ɔbarima no asuafo no mu baako anaa?” Petro sanee bio se, “Dabi, menka wɔn ho.”

26 Ɔsɔfo panyin no asomfo no mu baako a na ɔyɛ nea Petro twaa n’aso no busuani no bisaa no se, “Ɛnyɛ wo na na wo ne no wɔ turo no mu hɔ no?”

27 Petro san sanee bio se, “Dabi.” N’ano sii ara pɛ na akokɔ bɔnee.

Wɔde Yesu kɔ Pilato anim

28 Wɔde Yesu fi Kaiafa fi de no kɔɔ Pilato ahemfi. Saa bere no na ɛyɛ anɔpahema. Esiane sɛ na Yudafo no mpɛ sɛ efi ka wɔn na wɔatumi adi Twam Afahyɛ aduan no bi nti, wɔankɔ hɔ bi. 29 Pilato fii adi baa faako a na nnipa no wɔ no bebisaa wɔn se, “Bɔne bɛn na saa onipa yi ayɛ?”

30 Nnipa no buaa no se, “Sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara a anka yɛamfa no amma w’anim ha.”

31 Pilato ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ara momfa no nkɔ na momfa mo mmara so nni n’asɛm.” Yudafo no nso kae se, “Yenni tumi sɛ yekum obi.” 32 Nea esii yi maa nsɛm a Yesu ka de kyerɛɛ owu ko a obewu no daa adi pefee.

33 Pilato san kɔɔ n’ahemfi hɔ kobisaa Yesu se, “Wone Yudafo hene no anaa?”

34 Yesu nso bisaa no se, “Wo ara w’adwene na wode rebisa me saa asɛm yi, anaasɛ nnipa bi na aka me ho asɛm akyerɛ wo?”

35 Pilato buaa Yesu se, “Wususuw sɛ meyɛ Yudani anaa? Wo ara wo nkurɔfo ne wɔn asɔfo mpanyin na wɔde wo brɛɛ me. Dɛn na woayɛ?”

36 Yesu buaa no se, “M’ahenni nyɛ asase so ahenni; sɛ m’ahenni yɛ asase so ahenni a, anka m’akyidifo bɛko agye me afi Yudafo mpanyimfo no nsam. Mereka bio se, m’ahenni nyɛ asase so ahenni.”

37 Pilato bisaa no se, “Ɛnne na woyɛ ɔhene ne no?” Yesu buaa no se, “Wo na wuse meyɛ ɔhene. Ade baako pɛ nti na wɔwoo me baa wiase ha sɛ memmedi nokware ho adanse. Obiara a ɔpɛ nokware no tie me.”

38 Pilato bisaa no se, “Ɛdɛn ne saa nokware no?” Afei Pilato fii adi kɔɔ Yudafo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Minni asɛm biara a megyina so abu no fɔ. 39 Nanso sɛnea mo Twam Afahyɛ amanne te no, afe biara moma migyaa odeduani baako ma mo. Mopɛ sɛ migyaa Yudafo hene no ma mo anaa?”

40 Yudafo no teɛteɛɛm se, “Dabi! Ɛnyɛ saa onipa yi. Gyaa Baraba ma yɛn!” Na saa Baraba yi yɛ odwotwafo.