Add parallel Print Page Options

Yesu na ɔyɛ nokware bobe no

15 “Mene nokware bobe no na m’agya ne okuafo no. Dubaa biara a ɛnsow aba no, otwa kyene, na dubaa biara a ɛsow no, oyiyi ho na asow aba bebree. Me nsɛm a maka akyerɛ mo no ama mo ho afi dedaw. Montena me mu na me nso mentena mo mu. Dubaa biara ankasa rentumi nsow aba gye sɛ ɛfam ne dutan ho. Saa ara nso na morentumi nsow aba gye sɛ mote me mu.

“Mene bobe no na mone dubaa no. Obiara a ɔte me mu na mete ne mu no, bɛsow aba bebree; sɛ mokwati me a, morentumi nyɛ hwee. Obiara a ɔntena me mu no, te sɛ dubaa a wɔatwa atow akyene a ɛho nni mfaso; ɛwo a, wɔboaboa ano de gu gya mu hyew. Sɛ mote me mu na me nsɛm nso tena mo mu a, ɛnne biribiara a mopɛ a mubebisa no, wɔde bɛma mo. Wɔn a wɔyɛ m’asuafo nokware mu no sow aba bebree de hyɛ m’agya anuonyam.

“Sɛnea Agya no dɔ me no, saa ara nso na me nso medɔ mo. Montena me dɔ mu. 10 Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtena me dɔ mu sɛnea madi m’agya ahyɛde so na ɛno nti ɔda so dɔ me no.

11 “Maka eyinom nyinaa akyerɛ mo sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya m’anigye no bi na ama mo anigye awie pɛyɛ. 12 M’ahyɛde ne sɛ, monnodɔ mo ho mo ho sɛnea medɔ mo no. 13 Ɔdɔ biara nsen sɛ obi bewu ama ne nnamfonom. 14 Sɛ mudi nea mehyɛ mo sɛ monyɛ no so a, na moyɛ me nnamfonom.

15 “Memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ, akoa nnim nea ne wura reyɛ. Mmom, mefrɛ mo nnamfo, efisɛ, maka birabiara a mete fii m’agya no nkyɛn akyerɛ mo.

16 “Ɛnyɛ mo na moyii me; me na miyii mo na memaa mo adwuma sɛ monkɔyɛ na monsow aba pa bebree. Na biribiara a mode me din bebisa Agya no no, ɔde bɛma mo. 17 Eyi na mehyɛ mo; monnodɔ mo ho.

Wiase tan asuafo no

18 “Sɛ wiase tan mo a, monkae sɛ me na ɛtan me kan ansa na ɛretan mo. 19 Sɛ mote ase ma wiase a, ɛnne wiase bɛdɔ mo sɛ wɔn a wɔyɛ ne de. Nanso miyii mo fii wiasefo mu, ɛno nti, monyɛ wiasefo bio; eyi nti na wiasefo tan mo no. 20 Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo no. ‘Akoa nsen ne wura.’ Sɛ wɔtan me a, mo nso, wɔbɛtan mo; sɛ wotie m’asɛm a meka no a, mo nso, wobetie mo. 21 Esiane sɛ moyɛ me de nti, na wɔbɛtaa mo, efisɛ, wonnim Onyankopɔn a ɔsomaa me no.

22 “Sɛ memmɛkaa asɛm biara nkyerɛɛ wɔn a, anka wɔrenni bɔne ho fɔ. Afei de wonni wɔn bɔne ho anoyi biara. 23 Obiara a ɔtan me no tan m’agya nso. 24 Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ bi da no wɔ wɔn mu a, anka wɔrenni bɔne ho fɔ; nanso wɔahu nea meyɛe, nso wɔtan me ne m’agya. 25 Ɛsɛ sɛ eyi ba mu sɛnea ɛbɛyɛ a nea wɔakyerɛw wɔ wɔn Mmara no mu a ɛka se, ‘Wɔtan me kwa’ no, bɛba mu.

26 “Mɛsoma ɔboafo a ɔyɛ nokware honhom a ofi Agya no nkyɛn no aba mo nkyɛn na wabedi me ho adanse akyerɛ mo. 27 Na mo nso mubedi me ho adanse, efisɛ, me ne mo na ɛwɔ hɔ fi mfitiase pɛɛ.