Add parallel Print Page Options

Yesu hohoro n’asuafo nan ase

13 Ade rebɛkye ama Twam Afahyɛ no adu no, Yesu hui sɛ afei bere aso sɛ ofi wiase kɔ n’agya nkyɛn. Yesu yɛ obi a na ɔdɔ n’akyidifo, na ɔdɔɔ wɔn kosii sɛ owui. Bere a na Yesu ne n’asuafo te adidii no, ɔbonsam kɔhyɛɛ Yuda Iskariot a ɔyɛ Simon ba no mu sɛ onyi Yesu mma. Yesu nim sɛ n’agya de tumi nyinaa ahyɛ ne nsa, na ofi Onyankopɔn nkyɛn na ɔbae, na ɔresan akɔ ne nkyɛn. Yesu sɔre fii didipon no ho, yii n’atade nguguso guu hɔ, de mpopaho twaa n’asen. Ohwiee nsu guu kankyee bi mu na ofitii ase hohoroo asuafo no nan ase de mpopaho no popae. Bere a Yesu duu Simon Petro so no, Petro bisaa no se, “Awurade, worebɛhohoro me nan ase anaa?”

Yesu buaa no se, “Nea mereyɛ yi, worente ase mprempren, nanso akyiri yi wobɛte ase.”

Petro ampene asɛm a ɔkae no so kae se, “Ɛnyɛ wo na ɛsɛ sɛ wohohoro me nan ase.” Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɛ manhohoro wo nan ase a, na wonka me ho.”

Simon Petro kae se, “Awurade, ɛnne na ɛnyɛ me nan ase nko, na mmom, me nsa ho ne me tirim nso ka ho.”

10 Yesu ka kyerɛɛ no se, “Obiara a waguare no, aguare ho nhia no bio gye ne nan ase nko na ɛsɛ sɛ ɔhohoro, efisɛ, ne nipadua no de, efi biara nni ho. Mo nyinaa ho afi, gye mo mu baako pɛ.” 11 Na Yesu nim onipa ko a ɔrebeyi no ama no, ɛno nti na ɔkae se ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔn ho afi no.

12 Yesu hohoroo wɔn nan ase wiei no, ɔfaa n’atade nguguso no hyɛe, san kɔtenaa didipon no ho. Afei obisaa n’asuafo no se, “Mote nea mayɛ yi ase anaa? 13 Mofrɛ me Kyerɛkyerɛfo ne Awurade a, mudi me frɛ; efisɛ, ɛno ne nea meyɛ. 14 Sɛ me a meyɛ mo Awurade ne Kyerɛkyerɛfo no mpo ahohoro mo nan ase a, ɛnne, na ɛsɛ sɛ mo nso mohohorohohoro mo ho mo ho nan ase.

15 “Mayɛ eyi de ayɛ nhwɛso ama mo sɛnea mo nso mobɛyɛ saa ara. 16 Mereka nokware akyerɛ mo se, akoa nsen ne wura; saa ara nso na ɔsomafo nsen nea ɔsomaa no no. 17 Afei a moate nea meyɛe no ase yi, sɛ moyɛ saa bi a, mubenya nhyira.

18 “Ɛnyɛ mo nyinaa na mereka saa asɛm yi akyerɛ mo; minim wɔn a mayi wɔn. Nanso ɛsɛ sɛ Kyerɛwsɛm a ɛka se, ‘Onipa a ɔne me to nsa didi no, beyi me ama’ no, ba mu. 19 Mereka eyinom nyinaa akyerɛ mo ansa na aba mu sɛnea ɛbɛyɛ a, mubegye adi.

20 “Mereka nokware akyerɛ mo se, obiara a obegye nea m’asoma no no, ogye me nso, na obiara a ogye me no nso, gye nea ɔsomaa me no.”

Yesu hyɛ nea obeyi no ama no ho nkɔm

21 Yesu kaa eyinom nyinaa wiei no, ne ho yeraw no ma ɔpaee mu kae se, “Mereka nokware akyerɛ mo, mo mu baako beyi me ama!” 22 Asuafo no de ahodwiriw hwehwɛhwehwɛɛ wɔn ho wɔn ho anim pɛe sɛ wohu nea ɔde no no. 23 Na asuafo no mu baako a Yesu pɛ n’asɛm no te ne nkyɛn pɛɛ. 24 Simon Petro buu n’ani se, “Bisa no na ɔnkyerɛ wo onipa ko a ɔreka ne ho asɛm no.”

25 Ɛno nti saa osuani no twiw bɛn Yesu bisaa no se, “Awurade, ɛyɛ hena?”

26 Yesu buae se, “Nea mede abodoo bɛbɔ nsa no mu ama no no, ɔno na obeyi me ama.” Na ɔde abodoo bɔɔ nsa mu de maa Yuda a ɔyɛ Simon Iskariot ba no.

27 Bere a Yuda gyee abodoo no pɛ na ɔbonsam bɛhyɛɛ ne mu. Yesu ka kyerɛɛ no se, “Nea wopɛ sɛ woyɛ no, yɛ no ntɛm!”

28 Wɔn a na wɔte adidii no mu biara ante asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no ase. 29 Esiane sɛ Yuda na ɔhwɛ asuafo no sika so nti, na wosusuw sɛ, Yesu reka akyerɛ no se, ɔnkɔtɔ biribi a ɛho hia ma afahyɛ no anaasɛ ɔnkɔma ahiafo biribi. 30 Yuda gyee abodoo no pɛ na ofii adi; saa bere no na ɛyɛ anadwo.

Ahyɛde foforo

31 Yuda fii adi kɔe akyi no, Yesu kae se, “Afei na Onipa Ba no anuonyam ada adi; na Onyankopɔn nam Ɔba no so ada n’anuonyam adi. 32 Na sɛ ɛnam Ɔba no so na Onyankopɔn anuonyam da adi a, ɛnne na Onyankopɔn nam ne tumi so bɛda Onipa Ba no anuonyam adi. Ɔbɛyɛ eyi ntɛm so. 33 Me mma, ɛrenkyɛ biara, megyaw mo hɔ. Sɛnea meka kyerɛɛ Yudafo mpanyin no, mobɛhwehwɛ me nanso, morentumi mma faako a merekɔ hɔ no.

34 “Ahyɛde foforo na mede regyaw mo se, ‘Monnodɔ mo ho sɛnea medɔ mo no. 35 Na sɛ mododɔ mo ho mo ho a, obiara behu sɛ moyɛ m’asuafo.’”

Yesu hyɛ Petro ho nkɔm

36 Simon Petro bisaa Yesu se, “Awurade, ɛhe na worekɔ?” Yesu buaa no se, “Faako a merekɔ no de, worentumi nni m’akyi; daakye bi wobɛba abɛka me ho.”

37 Petro bisaa no se, “Awurade, adɛn nti na merentumi nni w’akyi saa bere yi? Ɛyɛ owu mpo a, mewu ama wo.”

38 Yesu bisaa no se, “Woasiesie wo ho ampa ara sɛ wubewu ama me anaa? Mereka nokware akyerɛ wo se, ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woapa me mpɛn abiɛsa.”