Add parallel Print Page Options

Me, Ɔpanyin, mekyerɛw kɔma Awuraa a wɔayi no ne ne mma a medɔ wɔn yiye no. Ɛnyɛ me nko, na mmom wɔn a wonim nokware no nyinaa dɔ wo, efisɛ, nokware no te yɛn mu na ɛbɛtena yɛn mu akosi daa daa. Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoe mfi Agya Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo, Agya no Ba no, nkyɛn mmra yɛn so nokware ne ɔdɔ mu.

Nokware ne ɔdɔ

M’ani gyei sɛ mihui sɛ mo mma no bi te nokware mu sɛnea Agya no hyɛɛ yɛn no.

Enti mereka akyerɛ wo, Awuraa se, momma yɛnnodɔ yɛn ho. Eyi nyɛ mmara foforo a merehyɛ ama wo. Ɛyɛ mmara a wɔahyɛ ama yɛn fi mfitiase. Saa ɔdɔ a mereka ho asɛm yi kyerɛ sɛ, momma yɛntena ase na yɛnyɛ osetie mma Onyankopɔn. Mmara a mote fii mfitiase no kyerɛ sɛ mo nyinaa, montena ase ɔdɔ mu.

Adaadaafo a wɔmpae mu nka se Yesu Kristo bae ɔhonam mu no abu so wiase. Saa onipa a ɔte saa no yɛ ɔdaadaafo na ɔyɛ Kristo tamfo nso. Monhwɛ mo ho so yiye na moanhwere nea moayɛ ho adwuma na moanya mo akatua wɔ mu. Obiara a ɔmfa Kristo nkyerɛkyerɛ na ɔtra no, nni Onyankopɔn. Na nea ɔfa nkyerɛkyerɛ no wɔ Agya no ne Ɔba no.

10 Sɛ obi ba mo nkyɛn na wamfa saa nkyerɛkyerɛ yi ammrɛ mo a, munnnye no wɔ mo fi, na monnka nso se, “Asomdwoe nka wo.” 11 Efisɛ, obiara a ɔbekyia no asomdwoe nka no no ka bɔne a ɔyɛ no ho.

Nsɛm a etwa to

12 Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso meremfa krataa ne kyerɛwduru so nka. Na mmom, mɛba nipadua so abɛkasa akyerɛ mo, na moani agye.

13 Wo nuabea a wɔayi no no mma no kyia wo.