Add parallel Print Page Options

Efeso asafo no nhoma

“Kyerɛw krataa kɔma ɔbɔfo a otua Efeso asafo no ano, na ka kyerɛ no se: Eyi ne nsɛm a efi obi a okita nsoromma ason wɔ ne nsa nifa mu a, ɔnantew wɔ sika akaneadua ason no ntam no. Minim nea woayɛ. Minim nsi a wode ayɛ adwuma ne boasetɔ a wowɔ. Minim sɛ wunnye nnebɔneyɛfo, na afei woasɔ wɔn a wɔfrɛ wɔn ho asomafo nanso wɔnyɛ bi no ahwɛ na woahu sɛ wɔyɛ atorofo. Wowɔ boasetɔ na me nti, woahu amane bebree, nanso wompaa abaw.

“Nanso nea mewɔ tia wo ne sɛ, wonnɔ me, sɛnea kan no na wodɔ me no. Hu ba a woaba fam no. Tew wo ho fi bɔne ho na yɛ sɛnea kan no na woyɛ no. Sɛ woantwe wo ho amfi wo bɔne ho a, mɛba wo nkyɛn na mabeyi wo kaneadua no afi ne sibere.

“Nanso nea eye wɔ wo ho ne sɛ, wukyi nea Nikolaifo no yɛ no, na saa ara na me nso mikyi.

“Sɛ wowɔ aso a, tie nea Honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no no. Wɔn a wɔadi nkonim no, mɛma wɔn tumi na wɔadi nkwa dua no a ɛwɔ Onyankopɔn turo no mu no aba no.

Smirna asafo no nhoma

“Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a otua Smirna asafo no ano se: “Saa asɛm yi fi obi a odi kan ne nea otwa to nkyɛn. Ɔno na owui na onyanee no.’

“Minim amane a wuhu maa Awurade na minim w’ahiasɛm nyinaa nso, nanso wowɔ agyapade wɔ soro. Minim nsɛm a wɔn a wose wɔyɛ Yudafo nanso wɔnyɛ Yudafo no ka tia wo. Wɔyɛ ɔbonsam ampamfo. 10 Nsuro ɔhaw a ɛrebɛto wo no. Tie! Wɔde mo mu bi bɛto afiase na ɔbonsam nam so asɔ mo ahwɛ. Na mo haw bedi dadu. Sɛ owu mu mpo a, gye me di na mɛma wo nkwa abotiri.

11 “Sɛ wowɔ aso a, tie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no. Wɔn a wodi nkonim no renwu owuprenu.”

Pergamo asafo no nhoma

12 “Kyerɛw krataa yi kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Pergamo asafo mu se;

“Saa krataa yi fi obi a ɔwɔ nkrante anofanu a ɛyɛ nnam no nkyɛn. 13 Minim sɛ faako a wote no, ɛhɔ na ɔbonsam ahengua si. Wudi me nokware; na bere a wokum Antipa a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo wɔ faako a ɔbonsam te no mpo, woampa me.

14 “Nanso nneɛma kakra a mewɔ tia wo ne sɛ, nnipa bi a wodi Bileam nkyerɛkyerɛ akyi no ka wo ho wɔ hɔ. Saa Bileam no na ɔkyerɛɛ Balak ma ɔmaa Israelfo dii abosom so nnuan, kyerɛɛ wɔn aguamammɔ, nam so ma wɔyɛɛ bɔne no. 15 Saa ara nso na wowɔ nnipa bi ka wo ho a wodi Nikolaifo nkyerɛkyerɛ akyi.

16 “Twe wo ho fi wo bɔne ho. Anyɛ saa a, ɛrenkyɛ biara mɛba wo nkyɛn mede sekan a efi m’anom no abɛko atia saa nnipa no.

17 “Sɛ mowɔ aso a, muntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo horow no.

“Mo a moadi nkonim no, mɛma mo mana a ahintaw no bi. Afei mɛma wɔn mu biara ɔbo fitaa a wɔakyerɛw din foforo wɔ so a obiara nnim, gye onipa a wɔde bɛma no no.”

Tiatira asafo no nhoma

18 “Kyerɛw krataa kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Tiatira asafo mu se: “Eyi ne asɛm a efi Onyankopɔn Ba no a n’ani dɛw sɛ ogyaframa a ne nan ase hyerɛn sɛ ayowa no nkyɛn.

19 “Minim nea woyɛ. Minim wo dɔ, wo gyidi, wo som ne boasetɔ a wowɔ. Minim sɛ woreyɛ adwuma sen kan no.

20 “Nanso nea mewɔ tia wo ne sɛ, wugyee ɔbea bi a ne din de Isabel, a ɔfrɛ ne ho Onyankopɔn odiyifo no too mu. Saa ɔbea yi kyerɛkyerɛ, na odi m’asomfo anim ma wɔbɔ aguaman di abosom nnuan. 21 Mama no bere sɛ ɔnsakra mfi ne bɔne mu nanso ɔmpɛ sɛ ɔsakra fi n’aguamammɔ mu. 22 Ɛno nti, mɛtow no ahwe mpa so na ɔno ne wɔn a wɔsɛe aware no ahu amane a ano yɛ den yiye. Sɛ wɔansesa amfi amumɔyɛ a wɔne no yɛe no mu a, mɛyɛ saa mprempren ara. 23 Afei, mekum n’akyidifo no, na asafo no nyinaa behu sɛ mene obi a mihu nnipa adwene mu ne wɔn akɔnnɔ. Nea mo mu biara yɛe no, metua no so ka pɛpɛɛpɛ.

24 “Nanso mo a mowɔ Tiatira no nni saa nkyerɛkyerɛ bɔne no akyi. Munsuaa nea afoforo frɛ no ‘Ɔbonsam asumansɛm’ no. Meka mekyerɛ mo se, meremfa adesoa biara nto mo so. 25 Na munso nea mowɔ no mu dennen kosi sɛ mɛba.

26 “Wɔn a wodi nkonim na wɔkɔ so yɛ nea mepɛ kosi awiei no, mede tumi koro no ara a minya fii 27 m’Agya hɔ no bɛma wɔn. Mɛma wɔn aman so tumi na wɔde dade poma adi wɔn so na wɔabobɔ wɔn sɛ nkuku. 28 Afei mede anɔpa nsoromma bɛma wɔn.

29 “Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no reka kyerɛ asafo no.”

To the Church in Ephesus

“To the angel[a] of the church in Ephesus(A) write:

These are the words of him who holds the seven stars in his right hand(B) and walks among the seven golden lampstands.(C) I know your deeds,(D) your hard work and your perseverance. I know that you cannot tolerate wicked people, that you have tested(E) those who claim to be apostles but are not, and have found them false.(F) You have persevered and have endured hardships for my name,(G) and have not grown weary.

Yet I hold this against you: You have forsaken the love you had at first.(H) Consider how far you have fallen! Repent(I) and do the things you did at first. If you do not repent, I will come to you and remove your lampstand(J) from its place. But you have this in your favor: You hate the practices of the Nicolaitans,(K) which I also hate.

Whoever has ears, let them hear(L) what the Spirit says to the churches. To the one who is victorious,(M) I will give the right to eat from the tree of life,(N) which is in the paradise(O) of God.

To the Church in Smyrna

“To the angel of the church in Smyrna(P) write:

These are the words of him who is the First and the Last,(Q) who died and came to life again.(R) I know your afflictions and your poverty—yet you are rich!(S) I know about the slander of those who say they are Jews and are not,(T) but are a synagogue of Satan.(U) 10 Do not be afraid of what you are about to suffer. I tell you, the devil will put some of you in prison to test you,(V) and you will suffer persecution for ten days.(W) Be faithful,(X) even to the point of death, and I will give you life as your victor’s crown.(Y)

11 Whoever has ears, let them hear(Z) what the Spirit says to the churches. The one who is victorious will not be hurt at all by the second death.(AA)

To the Church in Pergamum

12 “To the angel of the church in Pergamum(AB) write:

These are the words of him who has the sharp, double-edged sword.(AC) 13 I know where you live—where Satan has his throne. Yet you remain true to my name. You did not renounce your faith in me,(AD) not even in the days of Antipas, my faithful witness,(AE) who was put to death in your city—where Satan lives.(AF)

14 Nevertheless, I have a few things against you:(AG) There are some among you who hold to the teaching of Balaam,(AH) who taught Balak to entice the Israelites to sin so that they ate food sacrificed to idols(AI) and committed sexual immorality.(AJ) 15 Likewise, you also have those who hold to the teaching of the Nicolaitans.(AK) 16 Repent(AL) therefore! Otherwise, I will soon come to you and will fight against them with the sword of my mouth.(AM)

17 Whoever has ears, let them hear(AN) what the Spirit says to the churches. To the one who is victorious,(AO) I will give some of the hidden manna.(AP) I will also give that person a white stone with a new name(AQ) written on it, known only to the one who receives it.(AR)

To the Church in Thyatira

18 “To the angel of the church in Thyatira(AS) write:

These are the words of the Son of God,(AT) whose eyes are like blazing fire and whose feet are like burnished bronze.(AU) 19 I know your deeds,(AV) your love and faith, your service and perseverance, and that you are now doing more than you did at first.

20 Nevertheless, I have this against you: You tolerate that woman Jezebel,(AW) who calls herself a prophet. By her teaching she misleads my servants into sexual immorality and the eating of food sacrificed to idols.(AX) 21 I have given her time(AY) to repent of her immorality, but she is unwilling.(AZ) 22 So I will cast her on a bed of suffering, and I will make those who commit adultery(BA) with her suffer intensely, unless they repent of her ways. 23 I will strike her children dead. Then all the churches will know that I am he who searches hearts and minds,(BB) and I will repay each of you according to your deeds.(BC)

24 Now I say to the rest of you in Thyatira, to you who do not hold to her teaching and have not learned Satan’s so-called deep secrets, ‘I will not impose any other burden on you,(BD) 25 except to hold on to what you have(BE) until I come.’(BF)

26 To the one who is victorious(BG) and does my will to the end,(BH) I will give authority over the nations(BI) 27 that one ‘will rule them with an iron scepter(BJ) and will dash them to pieces like pottery’[b](BK)—just as I have received authority from my Father. 28 I will also give that one the morning star.(BL) 29 Whoever has ears, let them hear(BM) what the Spirit says to the churches.

Footnotes

  1. Revelation 2:1 Or messenger; also in verses 8, 12 and 18
  2. Revelation 2:27 Psalm 2:9