Add parallel Print Page Options

16 Afei metee nne bi sɛ ɛrekasa fi asɔredan mu hɔ kyerɛ abɔfo no se, “Kɔ na kohwie Onyankopɔn abufuw ason a ɛwɔ nkuruwa ason mu no gu asase so.”

Ɔbɔfo a odi kan no kohwiee ne kuruwa no mu guu asase so. Akuru a ɛyɛ hu na ɛyɛ yaw tutuu wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn ho agyirae no ne wɔn a wɔsom ne sɛso ohoni no nso.

Ɔbɔfo a ɔto so abien no hwiee ne kuruwa no mu guu ɛpo mu. Nsu no danee te sɛ owufo mogya, na abɔde biara a nkwa wɔ mu wɔ po no mu no wui.

Ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa no hwiee ne kuruwa no mu guu nsuti mu maa ne nyinaa danee mogya. Metee sɛ ɔbɔfo a ɔhwɛ nsu so no ka se, “O Ɔkronkronni a wowɔ hɔ na wowɔ ha dedaw, w’atɛn a wubui no yɛ atɛntrenee. Wohwiee Onyankopɔn nkurɔfo ne adiyifo mogya gui, enti woama wɔn mogya sɛ wɔnnom. Nea ɛfata wɔn na wɔrenya no.”

Afei metee nne bi wɔ afɔremuka no so se, “Awurade, Otumfoɔ Nyankopɔn! Atɛn a wubu nyinaa yɛ atɛntrenee!”

Ɔbɔfo a ɔto so anan no hwiee ne kuruwa no mu guu owia so na wɔmaa no tumi sɛ ɔmfa ne hyew yawyaw no nhye nnipa. Ɔhyew yawyaw no hyee nnipa ma wɔdomee Onyankopɔn a ɔwɔ saa ɔhaw yi nyinaa so tumi no din. Nanso wɔannu wɔn ho ankamfo ne kɛseyɛ.

10 Afei ɔbɔfo a ɔto so anum no hwiee ne kuruwa no mu de guu aboa no ahengua no so. Esum duruu aboa no ahemman mu, na esiane yaw nti, nnipa wee wɔn tɛkrɛma, 11 na esiane saa yaw no ne akuru a etutuu wɔn no nti, wɔdomee ɔsoro Nyankopɔn. Nanso wɔantwe wɔn ho amfi wɔn bɔne ho.

12 Ɔbɔfo a ɔto so asia no hwiee ne kuruwa no mu guu asubɔnten Eufrate mu. Asu no yoyowee na ɛdan ɔkwan maa ahene a wofi apuei. 13 Afei mihuu ahohommɔne abiɛsa bi a na wɔte sɛ mponkyerɛne a na wofifi ɔwɔ no ne aboa no ne atoro odiyifo no anom. 14 Wɔyɛ ahohommɔne a wɔyɛ anwonwade. Saa ahohom abiɛsa yi kɔ ahene a wɔwɔ asase so nyinaa nkyɛn kɔka wɔn nyinaa boa ano ma Otumfoɔ Nyankopɔn ɔko da kɛse no.

15 “Muntie! Mereba te sɛ ɔkorɔmfo. Nhyira ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so sɛnea ɔrennantew adagyaw, ngu ne ho anim ase wɔ baguam!”

16 Ahonhom no boaa ahene no ano wɔ baabi a Hebri kasa mu wɔfrɛ hɔ Harmagedon.

17 Afei ɔbɔfo a ɔto so ason no hwiee ne kuruwa no mu guu mframa mu. Nne dennen bi fi ahengua a ɛwɔ asɔredan no mu no kae se, “Wɔawie.” 18 Na anyinam tetew maa aprannaa paepaee, ɛnna asasewosow dennen bi bae. Efi sɛ wɔbɔɔ onipa, asasewosow biara maa saa da. Eyi ne asasewosow nyinaa mu nea ano yɛ den pa ara. 19 Kurow kɛse no mu paee abiɛsa, na aman nyinaa nkurow akɛse sɛesɛee. Onyankopɔn kaee Babilon kɛse no ma ɔnom nsa, nsa a ɛyɛ n’abufuw a ano yɛ den no, fi ne kuruwa ano. 20 Nsupɔw ne mmepɔw nyinaa yerae. 21 Amparuwbo a biara mu duru yɛ nkaribo ɔha no tɔ fi soro guu nnipa so. Na esiane amparuwbo no haw a na ɛyɛ hu no nti, nnipa domee Onyankopɔn.

The Seven Bowls of God’s Wrath

16 Then I heard a loud voice from the temple(A) saying to the seven angels,(B) “Go, pour out the seven bowls of God’s wrath on the earth.”(C)

The first angel went and poured out his bowl on the land,(D) and ugly, festering sores(E) broke out on the people who had the mark of the beast and worshiped its image.(F)

The second angel poured out his bowl on the sea, and it turned into blood like that of a dead person, and every living thing in the sea died.(G)

The third angel poured out his bowl on the rivers and springs of water,(H) and they became blood.(I) Then I heard the angel in charge of the waters say:

“You are just in these judgments,(J) O Holy One,(K)
    you who are and who were;(L)
for they have shed the blood of your holy people and your prophets,(M)
    and you have given them blood to drink(N) as they deserve.”

And I heard the altar(O) respond:

“Yes, Lord God Almighty,(P)
    true and just are your judgments.”(Q)

The fourth angel(R) poured out his bowl on the sun,(S) and the sun was allowed to scorch people with fire.(T) They were seared by the intense heat and they cursed the name of God,(U) who had control over these plagues, but they refused to repent(V) and glorify him.(W)

10 The fifth angel poured out his bowl on the throne of the beast,(X) and its kingdom was plunged into darkness.(Y) People gnawed their tongues in agony 11 and cursed(Z) the God of heaven(AA) because of their pains and their sores,(AB) but they refused to repent of what they had done.(AC)

12 The sixth angel poured out his bowl on the great river Euphrates,(AD) and its water was dried up to prepare the way(AE) for the kings from the East.(AF) 13 Then I saw three impure spirits(AG) that looked like frogs;(AH) they came out of the mouth of the dragon,(AI) out of the mouth of the beast(AJ) and out of the mouth of the false prophet.(AK) 14 They are demonic spirits(AL) that perform signs,(AM) and they go out to the kings of the whole world,(AN) to gather them for the battle(AO) on the great day(AP) of God Almighty.

15 “Look, I come like a thief!(AQ) Blessed is the one who stays awake(AR) and remains clothed, so as not to go naked and be shamefully exposed.”(AS)

16 Then they gathered the kings together(AT) to the place that in Hebrew(AU) is called Armageddon.(AV)

17 The seventh angel poured out his bowl into the air,(AW) and out of the temple(AX) came a loud voice(AY) from the throne, saying, “It is done!”(AZ) 18 Then there came flashes of lightning, rumblings, peals of thunder(BA) and a severe earthquake.(BB) No earthquake like it has ever occurred since mankind has been on earth,(BC) so tremendous was the quake. 19 The great city(BD) split into three parts, and the cities of the nations collapsed. God remembered(BE) Babylon the Great(BF) and gave her the cup filled with the wine of the fury of his wrath.(BG) 20 Every island fled away and the mountains could not be found.(BH) 21 From the sky huge hailstones,(BI) each weighing about a hundred pounds,[a] fell on people. And they cursed God(BJ) on account of the plague of hail,(BK) because the plague was so terrible.

Footnotes

  1. Revelation 16:21 Or about 45 kilograms