Add parallel Print Page Options

Mmoa abien bi

13 Afei mihui sɛ aboa bi apue ɛpo no mu reba. Na ɔwɔ mmɛn du ne ti ason a, na ahenkyɛw hyehyɛ mmɛn no biara so a, nsɛmmɔne din bobɔ ti no ho. Aboa a mihuu no no, na ɔte sɛ ɔsebɔ a ne nan te sɛ sisi, na n’ano nso te sɛ gyata. Ɔwɔ no de ɔno ankasa ne tumi ne n’ahengua ne ne tumi nyinaa maa aboa no.

Mihui sɛ wɔapira ne ti no baako a ayɛ sɛ wɔrentumi nkum kuru no, nanso na kuru no awu. Aboa no ho yɛɛ wiasefo nyinaa nwonwa, enti wotu dii n’akyi. Nnipa nyinaa som ɔwɔ no efisɛ, ɔde ne tumi nyinaa ama aboa no. Wɔsom aboa no nso kae se, “Hena na ɔte sɛ aboa no? Na hena na obetumi ne no ako?”

Wɔmaa aboa no kwan ma ɔkaa nsɛmmɔne akɛseakɛse, na wɔmaa no kwan ma onyaa tumi abosom aduanan abien. Ofitii ase domee Onyankopɔn, ne din, baabi a ɔte ne wɔn a wɔte soro nyinaa. Wɔmaa no kwan ma ɔne Onyankopɔn nkurɔfo koe sɛ obedi wɔn so. Na wɔmaa no mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa horow ne aman nyinaa so tumi. Nnipa a wɔte asase so nyinaa bɛsom no a, ase kyerɛ sɛ, obiara a wankyerɛw ne din ansa na wɔrebɔ wiase anhyɛ ateasefo nhoma a ɛwɔ Oguammaa a wokum no no mu no.

“Tie, wo a wowɔ aso, betie. 10 Obiara a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no, wɔbɛkyere no. Obiara a ɛsɛ sɛ wokum no nkrante ano no, wobekum no. Eyi mu boasetɔ ne gyidi ho hia Onyankopɔn nkurɔfo.”

11 Afei mihuu aboa foforo a ɔrepue afi asase mu. Na ɔwɔ mmɛn abien te sɛ oguammaa, nanso na ɔkasa te sɛ ɔwɔ. 12 Osi n’ananmu di tumi te sɛ aboa a odi kan no pɛ na ɔma asase ne ɛso nnipa som aboa a odi kan no a n’apirakuru no awu no. 13 Aboa a ɔto so abien yi yɛɛ anwonwade akɛse bebree. Ɔmaa ogya fi soro baa asase so wɔ nnipa nyinaa anim. 14 Na ɔnam anwonwade a wɔmaa no ho kwan yɛe wɔ aboa a odi kan no anim no so daadaa nnipa a wɔte asase so nyinaa. Aboa no ka kyerɛɛ wiase nnipa nyinaa se, wonsi ohoni mfa nhyɛ aboa a wɔde nkrante piraa no nanso n’apirakuru no awu na ɔte ase no anuonyam. 15 Wɔmaa aboa a ɔto so abien no kwan ma ɔhomee nkwa guu aboa a odi kan ohoni no mu, sɛnea ɛbɛyɛ a ohoni no betumi akasa, na wakum obiara a ɔnsom no no.

16 Aboa no hyɛɛ nnipa nyinaa, nketewa ne akɛse, adefo ne ahiafo, nkoa ne wɔn a wɔde wɔn ho sɛ wɔnhyɛ wɔn nsa nifa ho ne wɔn moma so agyirae. 17 Obiara nni ho kwan sɛ ɔtɔ anaa ɔtɔn gye sɛ wɔde aboa no din anaa nsɛnkyerɛnne a egyina hɔ ma din no hyɛ ne ho agyirae.

18 Eyi hia ma nyansa . Obiara a onim nyansa no betumi ahu nsɛnkyerɛnne a egyina hɔ ma aboa no ase efisɛ, nsɛnkyerɛnne no gyina hɔ ma onipa din. Ne nsɛnkyerɛnne yɛ ahansia aduosia asia.

The Beast out of the Sea

13 The dragon[a] stood on the shore of the sea. And I saw a beast coming out of the sea.(A) It had ten horns and seven heads,(B) with ten crowns on its horns, and on each head a blasphemous name.(C) The beast I saw resembled a leopard,(D) but had feet like those of a bear(E) and a mouth like that of a lion.(F) The dragon gave the beast his power and his throne and great authority.(G) One of the heads of the beast seemed to have had a fatal wound, but the fatal wound had been healed.(H) The whole world was filled with wonder(I) and followed the beast. People worshiped the dragon because he had given authority to the beast, and they also worshiped the beast and asked, “Who is like(J) the beast? Who can wage war against it?”

The beast was given a mouth to utter proud words and blasphemies(K) and to exercise its authority for forty-two months.(L) It opened its mouth to blaspheme God, and to slander his name and his dwelling place and those who live in heaven.(M) It was given power to wage war(N) against God’s holy people and to conquer them. And it was given authority over every tribe, people, language and nation.(O) All inhabitants of the earth(P) will worship the beast—all whose names have not been written in the Lamb’s book of life,(Q) the Lamb(R) who was slain from the creation of the world.[b](S)

Whoever has ears, let them hear.(T)

10 “If anyone is to go into captivity,
    into captivity they will go.
If anyone is to be killed[c] with the sword,
    with the sword they will be killed.”[d](U)

This calls for patient endurance and faithfulness(V) on the part of God’s people.(W)

The Beast out of the Earth

11 Then I saw a second beast, coming out of the earth.(X) It had two horns like a lamb, but it spoke like a dragon.(Y) 12 It exercised all the authority(Z) of the first beast on its behalf,(AA) and made the earth and its inhabitants worship the first beast,(AB) whose fatal wound had been healed.(AC) 13 And it performed great signs,(AD) even causing fire to come down from heaven(AE) to the earth in full view of the people. 14 Because of the signs(AF) it was given power to perform on behalf of the first beast, it deceived(AG) the inhabitants of the earth.(AH) It ordered them to set up an image in honor of the beast who was wounded by the sword and yet lived.(AI) 15 The second beast was given power to give breath to the image of the first beast, so that the image could speak and cause all who refused to worship(AJ) the image to be killed.(AK) 16 It also forced all people, great and small,(AL) rich and poor, free and slave, to receive a mark on their right hands or on their foreheads,(AM) 17 so that they could not buy or sell unless they had the mark,(AN) which is the name of the beast or the number of its name.(AO)

18 This calls for wisdom.(AP) Let the person who has insight calculate the number of the beast, for it is the number of a man.[e](AQ) That number is 666.

Footnotes

  1. Revelation 13:1 Some manuscripts And I
  2. Revelation 13:8 Or written from the creation of the world in the book of life belonging to the Lamb who was slain
  3. Revelation 13:10 Some manuscripts anyone kills
  4. Revelation 13:10 Jer. 15:2
  5. Revelation 13:18 Or is humanity’s number