Add parallel Print Page Options

Ɔbea guamanfo no

Yesu san kɔɔ Bepɔw a Ngo dua pii wɔ so no so. Ade kyee anɔpa no, ɔsan baa asɔrefi. Nnipa bebree baa ne nkyɛn ma ofitii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn. Ogu so rekasa no, Yudafo mpanyin ne Farisifo de ɔbea bi a wɔkyeree no sɛ ɔrebɔ aguaman baa n’anim. Wɔka kyerɛɛ Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo, yɛkyeree ɔbea yi sɛ ɔrebɔ aguaman, nanso Mose mmara hyɛ yɛn sɛ, ɔbea biara a wɔbɛkyere no saa kwan no so no, ɛsɛ sɛ wosiw no abo. Dɛn na woka wɔ ho?”

Wobisaa no eyi de sum no afiri sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya asɛm bi agyina so atoto n’ano. Nanso Yesu bɔɔ ne mu ase de ne nsateaa kyerɛkyerɛw fam. Wogu so rebisabisa no nsɛm no, ɔmaa ne mu so ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo mu biara a ɔnyɛɛ bɔne da no, nni kan ntow ɔbo mmɔ no.”

Ɔsan bɔɔ ne mu ase kyerɛkyerɛw fam. Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, wofitii ase fii hɔ mmaako mmaako fii mpanyin no so. Ɛkaa Yesu ne ɔbea no nko ara.

10 Yesu maa ne mu so no, obisaa ɔbea no se, “Nnipa a wɔde wo bae no wɔ he? Wɔn mu baako mpo nni ha a ɔbɛka asɛm bi atia wo?”

11 Ɔbea no buaa Yesu se, “Dabi, Owura.” Yesu ka kyerɛɛ no se, “Sɛ saa na ɛte de a, ɛnne me nso minni asɛm biara a mɛka de atia wo. Kɔ, na nkɔyɛ bɔne bio.”

Yesu, wiase hann

12 Yesu san toaa ne kasa no so ka kyerɛɛ nnipa no se, “Mene wiase hann no. Obiara a odi m’akyi no rennantew sum mu da na obenya hann a ɛkyerɛ nnipa kwan ma wɔkɔ nkwa mu.”

13 Farisifo no tee asɛm a Yesu kae no, wɔka kyerɛɛ no se, “Asɛm a woreka yi, yɛrennye nto mu, efisɛ, wo ara na woredi wo ho adanse.”

14 Yesu nso buaa wɔn se, “Sɛ me ara meredi me ho adanse mpo a, asɛm a meka no yɛ nokware, efisɛ, minim faako a mifi bae ne faako a merekɔ. Na mo de, munnim faako a mifi bae ne faako nso a merekɔ. 15 Mo ankasa mode mo adwene na ebu atɛn na me de, mimmu obiara atɛn. 16 Nanso sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ mibu atɛn a, m’atemmu bɛyɛ atɛntrenee, efisɛ, ɛnyɛ me nko na mebu atɛn; Agya a ɔsomaa me no ka me ho. 17 Wɔakyerɛw wɔ mo mmara mu se, sɛ adansefo baanu adanse hyia a na ɛkyerɛ sɛ wɔn adanse no yɛ nokware. 18 Midi me ho adanse na m’agya a ɔsomaa me no nso di me ho adanse.”

19 Nnipa no bisaa no se, “Ɛhe na w’agya no wɔ?” Yesu buaa wɔn se, “Munnim me, na munnim m’agya no nso. Sɛ munim me a, anka mubehu m’agya no nso.”

20 Yesu kaa eyinom nyinaa bere a na ɔrekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan no mu sikakorabea hɔ no. Obiara antumi amfa ne nsa anka no, efisɛ, na ne bere a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnui ɛ.

21 Yesu san ka kyerɛɛ wɔn se, “Mefi mo nkyɛn makɔ; mobɛhwehwɛ me, na morenhu me. Na mo de, mubewu wɔ mo bɔne mu. Faako a merekɔ no morentumi mma hɔ bi.”

22 Yudafo no bisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Ɛhe na ɔrekɔ a ose obi rentumi nkɔ hɔ bi no? Gyama ɔrekɔkum ne ho?”

23 Yesu buaa wɔn se, “Mo de, mufi asase so ha, nanso me de, mifi soro na mebae. Mo de, mufi wi yi ase nanso me de, mimfi wi yi ase. 24 Ɛno nti na meka kyerɛ mo se mubewu wɔ mo bɔne mu no. Na sɛ moannye anni sɛ, ‘MENE NEA MENE’ a, mubewu wɔ mo bɔne mu.”

25 Wobisaa no se, “Wo koraa, wone hena?” Yesu buaa wɔn se, “Mene nea daa meka kyerɛ mo se meyɛ no. 26 Mewɔ mo ho nsɛm pii a anka mɛka atia mo. Nanso, nea ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafo na asɛm a meka no yɛ nea mate afi ne nkyɛn.” 27 Nnipa no ante no ase sɛ n’agya ho asɛm na ɔreka akyerɛ wɔn no.

28 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ munya ma Onipa Ba no so wɔ asɛnnua no so a, na mubehu sɛ, ‘MENE NEA MENE’ no, na afei mubehu bio sɛ mimfi me ara me pɛ mu nyɛ biribiara, na mmom, nea Agya no somaa me sɛ menka no nko ara na meka. 29 Nea ɔsomaa me no ka me ho daa. Onnyaw me da, efisɛ, meyɛ nea ɛsɔ n’ani.”

30 Nnipa a wɔtee nea Yesu kae no mu dodow no ara gyee no dii.

Yudafo ahohoahoa

31 Yesu ka kyerɛɛ Yudafo a wogyee no dii no se, “Sɛ mudi me nsɛm so a, moyɛ m’asuafo. 32 Ɛno ansa na mubehu nokware no na nokware no bɛma mo ade mo ho.”

33 Nnipa no buaa no se, “Yɛn de yɛyɛ Abraham asefo a yɛnkɔɔ nkoasom mu da na ɛyɛ dɛn na woka se wobɛma yɛade yɛn ho?”

34 Yesu buaa wɔn se, “Mereka nokware akyerɛ mo sɛ obiara a ɔyɛ bɔne no yɛ bɔne akoa. 35 Akoa biara nni kyɛfa wɔ abusua mu nanso ɔba de, daa ɔwɔ kyɛfa wɔ abusua mu. 36 Ɛno nti, sɛ ɔba no ma mode mo ho a, mobɛde mo ho daa. 37 Migye tom sɛ moyɛ Abraham asefo nanso morehwehwɛ me akum me, efisɛ, munni ne nkyerɛkyerɛ so. 38 Nea m’agya ayi akyerɛ me no na meka ho asɛm na mo de, nea mo agya aka akyerɛ mo no na mudi so.”

39 Nnipa no kae se, “Yɛn agya ne Abraham.” Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Moyɛ Abraham asefo ampa a, anka ne nnwuma a ɔyɛe no bi pɛpɛɛpɛ na mobɛyɛ. 40 Nea mayɛ ne sɛ maka nokware a mete fi Agya no nkyɛn akyerɛ mo nanso mohwehwɛ me akum me. Abraham anyɛ biribi a ɛte sɛ eyi. Moreyɛ nea mo agya yɛe.” 41 Nnipa no san kae se, “Onyankopɔn nko ara ne Agya a yɛwɔ na yɛyɛ ne mma ankasa.”

42 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ Onyankopɔn yɛ mo Agya ampa ara a anka mobɛdɔ me, efisɛ, ne nkyɛn na mifi bae na mewɔ ha. Mamfi me pɛ mu na mebae; ɔno na ɔsomaa me. 43 Adɛn nti na monte nsɛm a mereka yi ase? Efisɛ, mompɛ sɛ mote ase. 44 Mo de, ɔbonsam ne mo agya, na mopɛ sɛ moyɛ nneɛma a ɔyɛ no nso bi. Ɔyɛ owudifo fi mfitiase. Onni nokware da, efisɛ, ɔnyɛ ɔnokwafo. Sɛ odi atoro a, ɛnyɛ nwonwa efisɛ, ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya. 45 Nanso me de, esiane sɛ meka nokware nti, na munnye me nni no.

46 “Mo mu hena na obetumi aka se midi bɔne bi ho fɔ? Sɛ meka nokware a, adɛn nti na munnye me nni? 47 Obiara a ofi Onyankopɔn mu no tie Onyankopɔn asɛm. Na mo de, esiane sɛ mumfi Onyankopɔn mu no nti, na muntie n’asɛm no.”

Yesu ne Abraham

48 Yudafo no bisaa Yesu se, “Sɛ yɛka se woyɛ Samariani a hohommɔne ahyɛ wo ma a, na yɛboa anaa?”

49 Yesu buae se, “Minni hohommɔne. Midi m’agya ni na mo de munni no ni. 50 Mempere nhwehwɛ anuonyam mma m’ankasa me ho. Obi wɔ hɔ a ɔhwehwɛ ma me na ɔno nso na odi ma me. 51 Meka nokware pefee kyerɛ mo se, obiara a odi m’asɛm so no renwu da.”

52 Yudafo no nso ka kyerɛɛ no se, “Afei na yɛahu ampa ara sɛ wowɔ hohommɔne! Abraham wui. Adiyifo no nso wuwui. Nanso wo de woka se, ‘Obiara a odi m’asɛm so no renwu da.’ 53 Woyɛ kɛse sen yɛn agya Abraham anaa? Owui; saa ara nso na adiyifo no wuwui. Wususuw sɛ woyɛ hena?”

54 Yesu buaa wɔn se, “Sɛ m’ankasa mehyɛ me ho anuonyam a, m’anuonyam no nka hwee. M’agya a mo nso moka se ɔyɛ mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔhyɛ me anuonyam. 55 Mo de, munnim no nanso me de, minim no. Sɛ meka se minnim no a na meyɛ ɔtorofo sɛ mo ara. Minim no na midi n’asɛm nso so. 56 Mo agya Abraham ani gyei sɛ obehu me ba a mɛba no. Ohui na n’ani gyei.”

57 Yudafo no nso bisaa no se, “Wunnii mfe aduonum koraa na ɛyɛɛ dɛn na wuhuu Abraham?”

58 Yesu buae se, “Mereka nokware pefee akyerɛ mo se, ansa na wɔrebɛwo Abraham no, na mete ase.”

59 Yudafo no tasee abo sɛ anka wɔde rebesiw no, nanso Yesu kohintawee. Eyi akyi no, ofii asɔredan no mu hɔ kɔe.

but Jesus went to the Mount of Olives.(A)

At dawn he appeared again in the temple courts, where all the people gathered around him, and he sat down to teach them.(B) The teachers of the law and the Pharisees brought in a woman caught in adultery. They made her stand before the group and said to Jesus, “Teacher, this woman was caught in the act of adultery. In the Law Moses commanded us to stone such women.(C) Now what do you say?” They were using this question as a trap,(D) in order to have a basis for accusing him.(E)

But Jesus bent down and started to write on the ground with his finger. When they kept on questioning him, he straightened up and said to them, “Let any one of you who is without sin be the first to throw a stone(F) at her.”(G) Again he stooped down and wrote on the ground.

At this, those who heard began to go away one at a time, the older ones first, until only Jesus was left, with the woman still standing there. 10 Jesus straightened up and asked her, “Woman, where are they? Has no one condemned you?”

11 “No one, sir,” she said.

“Then neither do I condemn you,”(H) Jesus declared. “Go now and leave your life of sin.”(I)


Dispute Over Jesus’ Testimony

12 When Jesus spoke again to the people, he said, “I am(J) the light of the world.(K) Whoever follows me will never walk in darkness, but will have the light of life.”(L)

13 The Pharisees challenged him, “Here you are, appearing as your own witness; your testimony is not valid.”(M)

14 Jesus answered, “Even if I testify on my own behalf, my testimony is valid, for I know where I came from and where I am going.(N) But you have no idea where I come from(O) or where I am going. 15 You judge by human standards;(P) I pass judgment on no one.(Q) 16 But if I do judge, my decisions are true, because I am not alone. I stand with the Father, who sent me.(R) 17 In your own Law it is written that the testimony of two witnesses is true.(S) 18 I am one who testifies for myself; my other witness is the Father, who sent me.”(T)

19 Then they asked him, “Where is your father?”

“You do not know me or my Father,”(U) Jesus replied. “If you knew me, you would know my Father also.”(V) 20 He spoke these words while teaching(W) in the temple courts near the place where the offerings were put.(X) Yet no one seized him, because his hour had not yet come.(Y)

Dispute Over Who Jesus Is

21 Once more Jesus said to them, “I am going away, and you will look for me, and you will die(Z) in your sin. Where I go, you cannot come.”(AA)

22 This made the Jews ask, “Will he kill himself? Is that why he says, ‘Where I go, you cannot come’?”

23 But he continued, “You are from below; I am from above. You are of this world; I am not of this world.(AB) 24 I told you that you would die in your sins; if you do not believe that I am he,(AC) you will indeed die in your sins.”

25 “Who are you?” they asked.

“Just what I have been telling you from the beginning,” Jesus replied. 26 “I have much to say in judgment of you. But he who sent me is trustworthy,(AD) and what I have heard from him I tell the world.”(AE)

27 They did not understand that he was telling them about his Father. 28 So Jesus said, “When you have lifted up[a] the Son of Man,(AF) then you will know that I am he and that I do nothing on my own but speak just what the Father has taught me.(AG) 29 The one who sent me is with me; he has not left me alone,(AH) for I always do what pleases him.”(AI) 30 Even as he spoke, many believed in him.(AJ)

Dispute Over Whose Children Jesus’ Opponents Are

31 To the Jews who had believed him, Jesus said, “If you hold to my teaching,(AK) you are really my disciples. 32 Then you will know the truth, and the truth will set you free.”(AL)

33 They answered him, “We are Abraham’s descendants(AM) and have never been slaves of anyone. How can you say that we shall be set free?”

34 Jesus replied, “Very truly I tell you, everyone who sins is a slave to sin.(AN) 35 Now a slave has no permanent place in the family, but a son belongs to it forever.(AO) 36 So if the Son sets you free,(AP) you will be free indeed. 37 I know that you are Abraham’s descendants. Yet you are looking for a way to kill me,(AQ) because you have no room for my word. 38 I am telling you what I have seen in the Father’s presence,(AR) and you are doing what you have heard from your father.[b](AS)

39 “Abraham is our father,” they answered.

“If you were Abraham’s children,”(AT) said Jesus, “then you would[c] do what Abraham did. 40 As it is, you are looking for a way to kill me,(AU) a man who has told you the truth that I heard from God.(AV) Abraham did not do such things. 41 You are doing the works of your own father.”(AW)

“We are not illegitimate children,” they protested. “The only Father we have is God himself.”(AX)

42 Jesus said to them, “If God were your Father, you would love me,(AY) for I have come here from God.(AZ) I have not come on my own;(BA) God sent me.(BB) 43 Why is my language not clear to you? Because you are unable to hear what I say. 44 You belong to your father, the devil,(BC) and you want to carry out your father’s desires.(BD) He was a murderer from the beginning, not holding to the truth, for there is no truth in him. When he lies, he speaks his native language, for he is a liar and the father of lies.(BE) 45 Yet because I tell the truth,(BF) you do not believe me! 46 Can any of you prove me guilty of sin? If I am telling the truth, why don’t you believe me? 47 Whoever belongs to God hears what God says.(BG) The reason you do not hear is that you do not belong to God.”

Jesus’ Claims About Himself

48 The Jews answered him, “Aren’t we right in saying that you are a Samaritan(BH) and demon-possessed?”(BI)

49 “I am not possessed by a demon,” said Jesus, “but I honor my Father and you dishonor me. 50 I am not seeking glory for myself;(BJ) but there is one who seeks it, and he is the judge. 51 Very truly I tell you, whoever obeys my word will never see death.”(BK)

52 At this they exclaimed, “Now we know that you are demon-possessed!(BL) Abraham died and so did the prophets, yet you say that whoever obeys your word will never taste death. 53 Are you greater than our father Abraham?(BM) He died, and so did the prophets. Who do you think you are?”

54 Jesus replied, “If I glorify myself,(BN) my glory means nothing. My Father, whom you claim as your God, is the one who glorifies me.(BO) 55 Though you do not know him,(BP) I know him.(BQ) If I said I did not, I would be a liar like you, but I do know him and obey his word.(BR) 56 Your father Abraham(BS) rejoiced at the thought of seeing my day; he saw it(BT) and was glad.”

57 “You are not yet fifty years old,” they said to him, “and you have seen Abraham!”

58 “Very truly I tell you,” Jesus answered, “before Abraham was born,(BU) I am!”(BV) 59 At this, they picked up stones to stone him,(BW) but Jesus hid himself,(BX) slipping away from the temple grounds.

Footnotes

  1. John 8:28 The Greek for lifted up also means exalted.
  2. John 8:38 Or presence. Therefore do what you have heard from the Father.
  3. John 8:39 Some early manuscripts “If you are Abraham’s children,” said Jesus, “then