Add parallel Print Page Options

Wɔsra Yesu ngo wɔ Betania

12 Aka nnansia na Twam Afahyɛ no adu no, Yesu kɔɔ Betania, kurow a na Lasaro a Yesu nyanee no fi awufo mu no te mu no mu. Wɔtow Yesu pon. Marta na ɔsomee wɔ saa opontow yi ase. Lasaro tenaa Yesu nkyɛn pɛɛ wɔ ɔpon no ho. Wɔredidi no, Maria faa ngohuam bi a ne bo yɛ den behwie guu Yesu nan ase de ne tinhwi popae. Ngo no hua gyee ofie hɔ nyinaa.

Yuda Iskariot a ɔyɛ asuafo no mu baako a akyiri yi obeyi Yesu ama no ani annye nea ɔbea yi yɛe no ho, enti ɔkae se, “Adɛn nti na wantɔn saa ngohuam yi na yɛamfa sika no amma ahiafo?” Ɛnyɛ sɛ na odwen ahiafo ho nti na ɔkaa saa asɛm yi, na mmom na ɔyɛ ɔkorɔmfo na esiane sɛ na ɔhwɛ asuafo no sika so nti, na owiawia bi.

Yesu kae se, “Munnyaa ɔbea yi haw! Nea ɔbea yi ayɛ yi, ɔde asiesie me ama me wu. Mo ne ahiafo na ɛwɔ hɔ bere biara, na me de, me ne mo rentena hɔ daa.”

Bere a Yudafo no tee sɛ Yesu wɔ Betania no, wɔn mu pii kɔɔ hɔ; ɛnyɛ Yesu nko nti na wɔkɔɔ hɔ, na mmom, wɔkɔɔ hɔ sɛ wɔrekɔhwɛ Lasaro a Yesu nyanee no fii awufo mu no nso. 10 Afei, asɔfo mpanyin no bɔɔ pɔw sɛ wobekum Lasaro nso, 11 efisɛ, esiane Lasaro wusɔre no nti, na nnipa bebree retwe wɔn ho afi Yudafo mpanyin no ho abedi Yesu akyi.

Yesu kɔ Yerusalem

12 Ade kyee no, nnipadɔm a wɔaba Twam Afahyɛ no tee sɛ Yesu reba Yerusalem no, 13 wobubuu berɛw de kohyiaa no kwan de ahurusi teɛteɛɛm se, “Hosiana! Nhyira nka nea ɔreba wɔ Awurade din mu no. Nhyira nka Israelhene!”

14 Yesu rekɔ no, na ɔte afurum ba bi so sɛnea Kyerɛwsɛm hyɛɛ ho nkɔm se, 15 “Nsuro, Sion babea! Hwɛ sɛ wo hene te afurum ba so reba wo nkyɛn.”

16 Mfitiase no, asuafo no ante eyinom nyinaa ase kosii sɛ wɔhyɛɛ Yesu anuonyam no ansa na wɔrekae sɛ, Kyerɛwsɛm no aka saa asɛm yi nyinaa afa no ho dedaw na ɛno ara ne nea wɔayɛ ama no no.

17 Nnipa a na wɔwɔ hɔ a wɔhui sɛ Yesu nyanee Lasaro fii awufo mu no kaa asɛm a esii no kyerɛɛ afoforo. 18 Eyi nti na nnipa bebree kɔe sɛ wɔrekohyia Yesu kwan no, efisɛ, na wɔate sɛ wayɛ anwonwade.

19 Farisifo no huu nea ɛrekɔ so no, wɔkae se, “Anyɛ ye! Monhwɛ sɛ nnipa no nyinaa atu adi n’akyi!”

Yesu hyɛ ne wu ho nkɔm

20 Afahyɛ bere no mu no, Helafo bi nso kɔɔ Yerusalem sɛ wɔrekɔsom. 21 Wɔkɔɔ Filipo a ofi Betsaida no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Owura, yɛpɛ sɛ yehu Yesu.” 22 Filipo kɔbɔɔ Andrea amanneɛ maa wɔn baanu kɔka kyerɛɛ Yesu.

23 Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Bere no aso sɛ wɔbɛhyɛ Onipa ba no anuonyam. 24 Mereka nokware akyerɛ mo se, sɛ wɔamfa burofua anhyɛ fam amma amporɔw na amfifi a, ɛda so yɛ burofua no ara, nanso sɛ ɛporɔw na efifi a, ɛsow aba pii. 25 Obiara a ɔdɔ ne kra no, bɛhwere ne nkwa, na nea ɔnnɔ ne kra no, benya nkwa a enni awiei.

26 ”Obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom me no, ɛsɛ sɛ odi m’akyi; na baabiara a mewɔ no, ɛsɛ sɛ m’asomfo nso wɔ hɔ bi.”

27 Yesu kae se, “Afei de, me kra ho yeraw no na asɛm bɛn na menka? Menka se, ‘Agya, gye me fi saa amanehunu yi mu anaa?’ Nanso eyi nti na wosomaa me baa wiase sɛ mimmehu amane. 28 Agya, hyɛ wo din anuonyam!” Ɔkasa wiei no, nne bi fi soro kae se, “Mahyɛ no anuonyam dedaw na mɛsan mahyɛ no bio.” 29 Nnipakuw a na wɔwɔ hɔ no tee nne no, wɔkae se aprannaa na ɛrebobɔ mu. Ebinom nso kae se, ɔsoro bɔfo na ɔkasa kyerɛɛ no.

30 Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo nti na saa nne yi kasae na ɛnyɛ me nti. 31 Afei bere adu sɛ wobu wiase atɛn na wotu ɔbonsam a odi wiase so no gu. 32 Sɛ wonya ma me so fi asase mu a, mɛtwe nnipa nyinaa aba me nkyɛn.” 33 Ɔkaa eyi de kyerɛɛ owu ko a obewu no.

34 Nnipa no kae se, “Kyerɛwsɛm no di adanse sɛ, Agyenkwa no renwu da. Adɛn nti na woka kyerɛ yɛn se, ɛsɛ sɛ wɔma Onipa Ba no so? Hena ne saa Onipa Ba no?”

35 Yesu buaa wɔn se, “Me hann no bɛhyerɛn ama mo mmere tiaa bi mu. Ɛno nti, monnantew mu bere a mowɔ saa hann no mu yi nkɔ baabiara a mopɛ sɛ mokɔ ansa na sum aduru; anyɛ saa a morenhu kwan. 36 Bere a mowɔ hann mu yi, munnye hann no nni na moayɛ hann no mma.” Yesu kaa nsɛm yi wiei no, ofii hɔ de ne ho kohintawee.

Yudafo gu so gye akyinnye

37 Ɛwom sɛ na Yesu ayɛ anwonwade ahorow ama Yudafo no ahu de, nanso na wonnye no nni ara. 38 Eyi ne odiyifo Yesaia asɛm a ɔkae se, “Awurade, hena na obegye yɛn adi? Na hena nso na obegye wánwonwadwuma no adi sɛ adansedi?” 39 Yudafo no annye anni efisɛ, na odiyifo Yesaia asan aka se, 40 “Onyankopɔn afura wɔn ani, na wapirim wɔn koma sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenhu ade na wɔrente biribiara ase, anaasɛ wɔbɛdan aba me nkyɛn na masa wɔn yare.” 41 Yesaia kaa eyi faa Yesu anuonyam a daakye obenya a Onyankopɔn yi kyerɛɛ no no ho.

42 Mpo, na Yudafo mpanyin no mu pii gye Yesu di, nanso na wosuro sɛ, sɛ Farisifo no hu wɔn a, wɔremma wɔmma asɔredan no mu bio. 43 Na wɔpɛ sɛ nnipa bɛkamfo wɔn sen sɛ Onyankopɔn bɛhyɛ wɔn anuonyam.

44 Yesu teɛɛm se, “Obiara a ogye me di no, ɛnyɛ me nko na ogye me di, na ogye nea ɔsomaa me no nso di. 45 Na nea ohu me no hu nea ɔsomaa me no nso. 46 Maba wiase sɛ hann, na obiara a ogye me di no ankɔ so antena sum mu. 47 Obiara a ɔte másɛm na onni so no, meremmu no atɛn. Efisɛ, mamma sɛ merebebu nnipa atɛn, na mmom mebae sɛ merebegye wɔn nkwa. 48 Obiara a ɔpo me na onnye másɛm nni no, ɔtemmufo bi wɔ hɔ a obebu no atɛn. Me nsɛm a maka akyerɛ mo no na atemmu da no ebebu mo atɛn. 49 Nsɛm a maka no nyinaa, ɛnyɛ me ara ankasa m’adwene na mede ka kyerɛɛ mo, na mmom ɛyɛ nea Agya no ka kyerɛɛ me sɛ menka nkyerɛ mo no.

50 “Minim sɛ asɛm biara a Agya no ahyɛ me sɛ menka no de nnipa kɔ nkwa a enni awiei mu; enti asɛm a ɔbɛka akyerɛ me se menka biara no, ɛno na meka!”

Jesus Anointed at Bethany(A)

12 Six days before the Passover,(B) Jesus came to Bethany,(C) where Lazarus lived, whom Jesus had raised from the dead. Here a dinner was given in Jesus’ honor. Martha served,(D) while Lazarus was among those reclining at the table with him. Then Mary took about a pint[a] of pure nard, an expensive perfume;(E) she poured it on Jesus’ feet and wiped his feet with her hair.(F) And the house was filled with the fragrance of the perfume.

But one of his disciples, Judas Iscariot, who was later to betray him,(G) objected, “Why wasn’t this perfume sold and the money given to the poor? It was worth a year’s wages.[b] He did not say this because he cared about the poor but because he was a thief; as keeper of the money bag,(H) he used to help himself to what was put into it.

“Leave her alone,” Jesus replied. “It was intended that she should save this perfume for the day of my burial.(I) You will always have the poor among you,[c](J) but you will not always have me.”

Meanwhile a large crowd of Jews found out that Jesus was there and came, not only because of him but also to see Lazarus, whom he had raised from the dead.(K) 10 So the chief priests made plans to kill Lazarus as well, 11 for on account of him(L) many of the Jews were going over to Jesus and believing in him.(M)

Jesus Comes to Jerusalem as King(N)

12 The next day the great crowd that had come for the festival heard that Jesus was on his way to Jerusalem. 13 They took palm branches(O) and went out to meet him, shouting,

“Hosanna![d]

“Blessed is he who comes in the name of the Lord!”[e](P)

“Blessed is the king of Israel!”(Q)

14 Jesus found a young donkey and sat on it, as it is written:

15 “Do not be afraid, Daughter Zion;
    see, your king is coming,
    seated on a donkey’s colt.”[f](R)

16 At first his disciples did not understand all this.(S) Only after Jesus was glorified(T) did they realize that these things had been written about him and that these things had been done to him.

17 Now the crowd that was with him(U) when he called Lazarus from the tomb and raised him from the dead continued to spread the word. 18 Many people, because they had heard that he had performed this sign,(V) went out to meet him. 19 So the Pharisees said to one another, “See, this is getting us nowhere. Look how the whole world has gone after him!”(W)

Jesus Predicts His Death

20 Now there were some Greeks(X) among those who went up to worship at the festival. 21 They came to Philip, who was from Bethsaida(Y) in Galilee, with a request. “Sir,” they said, “we would like to see Jesus.” 22 Philip went to tell Andrew; Andrew and Philip in turn told Jesus.

23 Jesus replied, “The hour(Z) has come for the Son of Man to be glorified.(AA) 24 Very truly I tell you, unless a kernel of wheat falls to the ground and dies,(AB) it remains only a single seed. But if it dies, it produces many seeds. 25 Anyone who loves their life will lose it, while anyone who hates their life in this world will keep it(AC) for eternal life.(AD) 26 Whoever serves me must follow me; and where I am, my servant also will be.(AE) My Father will honor the one who serves me.

27 “Now my soul is troubled,(AF) and what shall I say? ‘Father,(AG) save me from this hour’?(AH) No, it was for this very reason I came to this hour. 28 Father, glorify your name!”

Then a voice came from heaven,(AI) “I have glorified it, and will glorify it again.” 29 The crowd that was there and heard it said it had thundered; others said an angel had spoken to him.

30 Jesus said, “This voice was for your benefit,(AJ) not mine. 31 Now is the time for judgment on this world;(AK) now the prince of this world(AL) will be driven out. 32 And I, when I am lifted up[g] from the earth,(AM) will draw all people to myself.”(AN) 33 He said this to show the kind of death he was going to die.(AO)

34 The crowd spoke up, “We have heard from the Law(AP) that the Messiah will remain forever,(AQ) so how can you say, ‘The Son of Man(AR) must be lifted up’?(AS) Who is this ‘Son of Man’?”

35 Then Jesus told them, “You are going to have the light(AT) just a little while longer. Walk while you have the light,(AU) before darkness overtakes you.(AV) Whoever walks in the dark does not know where they are going. 36 Believe in the light while you have the light, so that you may become children of light.”(AW) When he had finished speaking, Jesus left and hid himself from them.(AX)

Belief and Unbelief Among the Jews

37 Even after Jesus had performed so many signs(AY) in their presence, they still would not believe in him. 38 This was to fulfill the word of Isaiah the prophet:

“Lord, who has believed our message
    and to whom has the arm of the Lord been revealed?”[h](AZ)

39 For this reason they could not believe, because, as Isaiah says elsewhere:

40 “He has blinded their eyes
    and hardened their hearts,
so they can neither see with their eyes,
    nor understand with their hearts,
    nor turn—and I would heal them.”[i](BA)

41 Isaiah said this because he saw Jesus’ glory(BB) and spoke about him.(BC)

42 Yet at the same time many even among the leaders believed in him.(BD) But because of the Pharisees(BE) they would not openly acknowledge their faith for fear they would be put out of the synagogue;(BF) 43 for they loved human praise(BG) more than praise from God.(BH)

44 Then Jesus cried out, “Whoever believes in me does not believe in me only, but in the one who sent me.(BI) 45 The one who looks at me is seeing the one who sent me.(BJ) 46 I have come into the world as a light,(BK) so that no one who believes in me should stay in darkness.

47 “If anyone hears my words but does not keep them, I do not judge that person. For I did not come to judge the world, but to save the world.(BL) 48 There is a judge for the one who rejects me and does not accept my words; the very words I have spoken will condemn them(BM) at the last day. 49 For I did not speak on my own, but the Father who sent me commanded me(BN) to say all that I have spoken. 50 I know that his command leads to eternal life.(BO) So whatever I say is just what the Father has told me to say.”(BP)

Footnotes

  1. John 12:3 Or about 0.5 liter
  2. John 12:5 Greek three hundred denarii
  3. John 12:8 See Deut. 15:11.
  4. John 12:13 A Hebrew expression meaning “Save!” which became an exclamation of praise
  5. John 12:13 Psalm 118:25,26
  6. John 12:15 Zech. 9:9
  7. John 12:32 The Greek for lifted up also means exalted.
  8. John 12:38 Isaiah 53:1
  9. John 12:40 Isaiah 6:10