Add parallel Print Page Options

Nkyia

Saa nhoma yi fi Onyankopɔn somfo ne Yesu Kristo somafo Paulo nkyɛn. Woyii me na wɔsomaa me sɛ memmɛboa nhyɛ nnipa a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidi den na menkyerɛkyerɛ wɔn nokwasɛm a yɛn nyamesom a ne nnyinaso gyina nkwa a enni awiei no kyerɛ no so no. Onyankopɔn a onni atoro no hyɛɛ yɛn asetena yi ho bɔ ansa na ɔrefi wiase ase; na bere a ɛsɛ mu, ɔdaa no adi wɔ n’asɛnka no mu. Wɔde eyi hyɛɛ me nsa na migyina Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa hyɛ so da no adi.

Mekyerɛw me ba Tito wɔ gyidi baako a yɛn nyinaa kita mu mu. Adom ne asomdwoe a efi Agya Nyankopɔn ne Kristo Yesu yɛn Agyenkwa no nka wo!

Asɛmpakafo yiyedi

Migyaw wo Kreta sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛtoto nnɛama a aka no pɛpɛɛpɛ na wayi mpanyimfo atuatua asafo a ɛwɔ kurow biara mu no ano. Kae mmara a mehyɛ maa wo no. Ɔpanyin yɛ obi a ne ho nni asɛm na ɔwɔ yere baako na ne mma yɛ gyidifo a wɔmmɔ ahohwi, na wɔnyɛ asoɔden nso.

Ɛnsɛ sɛ mfomso biara ba ɔpanyin no ho efisɛ, Onyame adwuma hyɛ ne nsa. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ɔhopɛfo, anaa obi a ne bo nkyɛ fuw anaa ɔkɔwensani anaa basabasayɛfo anaa oniberefo. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ na n’ani gye nea eye ho na n’adwenem da hɔ na ɔteɛ na ɔyɛ kronn na ɔwɔ ahohyɛso. Ɛsɛ sɛ oso asɛm no mu dennen sɛnea wɔkyerɛɛ no no. Sɛ ɛba saa a, obetumi ahyɛ afoforo den wɔ saa nkyerɛkyerɛ pa no mu na wada wɔn a wotia asɛm no mu no nso mfomso adi.

10 Nnipa pii wɔ hɔ a wotia na wɔnam wɔ nkwaseasɛm so daadaa afoforo, ne titiriw no, wɔn a wofi twetiatwasom no mu. 11 Ɛsɛ sɛ wosiw wɔn nkyerɛkyerɛ no ano efisɛ, wɔnam wɔn nkyerɛkyerɛ bɔne no so ma ntoto ba mmusua mu nam so de pɛ sika. 12 Kreta no ankasa a na ɔyɛ wɔn diyifo na ɔkae se, “Kretafo no yɛ atorofo, mmoa bɔne ne anihafo adidifo.” 13 Na asɛm a ɔkae no yɛ nokware. Esiane saa nti, ɛsɛ sɛ moka wɔn anim yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya gyidi pa, 14 na wɔantena ase amma twetiatwa atorosɛm ne nhyɛ a efi nnipa a wɔapo nokware no no.

15 Biribiara yɛ kronn ma wɔn a wɔyɛ kronn no, nanso biribiara nyɛ kronn mma wɔn a wɔn ho agu fi na wonni gyidi, efisɛ, wɔn adwene ne wɔn atiboa ho agu fi. 16 Wɔka se wonim Onyankopɔn, nanso wɔn nneyɛe nkyerɛ saa. Wokyi wɔn, na wɔyɛ asoɔdenfo a wɔde wɔn yɛ ade pa biara a ɛnyɛ ye.