Add parallel Print Page Options

Nkyerɛkyerɛ pa

Nkyerɛkyerɛ a wɔbɛkyerɛkyerɛ biara no, ɛsɛ sɛ efi ɔkyerɛ pa mu. Ka kyerɛ nkwakoraa na wɔmma wɔn ho nwo, wɔnyɛ anyansafo, na wɔnhyɛ wɔn ho so; wɔn gyidi mu nyɛ den, wonya ɔdɔ na wontumi ntena ɔhaw mu.

Saa ara nso na ka kyerɛ mmerewa na wɔmmɔ ɔbra a ɛyɛ kronn. Wonnni nseku na wɔnnyɛ asadweam nso. Wɔnkyerɛ akyerɛ pa, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnam so betumi ama mmabaa adɔ wɔn kununom ne wɔn mma, ama wɔatumi ahyɛ wɔn ho so, ayɛ kronn na wɔayɛ awarefo pa a wotie wɔn kununom asɛm, na obi anka bɔne amfa Onyankopɔn asɛm no ho.

Saa ara na hyɛ mmerante na wonya ahohyɛso. Nneɛma nyinaa mu, fa wo ho yɛ nhwɛso pa wɔ nnwuma pa yɛ mu. Di nokware na ma w’ani nku wo nkyerɛkyerɛ ho. Ka nsɛm a ɛho tew na obi antumi antia mu na ama atamfo ani awu sɛ wonnya asɛm bɔne nka mfa yɛn ho.

Ɛsɛ sɛ asomfo tie wɔn wuranom na ade nyinaa mu, wɔsɔ wɔn wuranom ani. Ɛnsɛ sɛ woyiyi nsɛm ano 10 anaa wɔbɔ wɔn korɔn. Nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ne sɛ, bere nyinaa mu, ɛsɛ sɛ wɔyɛ papa na wodi nokware na ɛnam so ma biribiara a wɔyɛ no de anuonyamhyɛ aba nkyerɛkyerɛ a ɛfa Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no ho.

11 Onyankopɔn ada n’adom a egye nnipa nyinaa nkwa no adi. 12 Na adom no kyerɛ yɛn sɛ, yɛmpa asetena a ɛho ntew no ne wiase akɔnnɔ akyi na yɛntena ase ahohyɛso, kronnyɛ, onyamesuro mu wɔ wiase ha, 13 bere a yɛretwɛn adom da a yɛn ani da so a yɛn tumfo Onyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo no anuonyam bɛda adi no. 14 Ɔde ne ho maa yɛn de gyee yɛn fii bɔne mu ama yɛayɛ kronn a yɛyɛ ne nko de a yɛpɛ papayɛ.

15 Kyerɛkyerɛ saa nneɛma yi na gyina wo tumi so hyɛ w’atiefo nkuran, ka wɔn anim. Mma wɔn mu bi mmnu wo abomfiaa.

Doing Good for the Sake of the Gospel

You, however, must teach what is appropriate to sound doctrine.(A) Teach the older men(B) to be temperate,(C) worthy of respect, self-controlled,(D) and sound in faith,(E) in love and in endurance.

Likewise, teach the older women to be reverent in the way they live, not to be slanderers(F) or addicted to much wine,(G) but to teach what is good. Then they can urge the younger women(H) to love their husbands and children, to be self-controlled(I) and pure, to be busy at home,(J) to be kind, and to be subject to their husbands,(K) so that no one will malign the word of God.(L)

Similarly, encourage the young men(M) to be self-controlled.(N) In everything set them an example(O) by doing what is good.(P) In your teaching show integrity, seriousness and soundness of speech that cannot be condemned, so that those who oppose you may be ashamed because they have nothing bad to say about us.(Q)

Teach slaves to be subject to their masters in everything,(R) to try to please them, not to talk back to them, 10 and not to steal from them, but to show that they can be fully trusted, so that in every way they will make the teaching about God our Savior(S) attractive.(T)

11 For the grace(U) of God has appeared(V) that offers salvation to all people.(W) 12 It teaches us to say “No” to ungodliness and worldly passions,(X) and to live self-controlled,(Y) upright and godly lives(Z) in this present age, 13 while we wait for the blessed hope—the appearing(AA) of the glory of our great God and Savior, Jesus Christ,(AB) 14 who gave himself for us(AC) to redeem us from all wickedness(AD) and to purify(AE) for himself a people that are his very own,(AF) eager to do what is good.(AG)

15 These, then, are the things you should teach. Encourage and rebuke with all authority. Do not let anyone despise you.