Add parallel Print Page Options

Paulo afotu

Migyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefo ne awufo atɛn, nam ne ba a ɔbɛba no ne n’ahenni no a abɛn no so hyɛ wo sɛ, ka asɛm no, na bere biara gyina ne ka mu dennen yi atɛn, ka anim, tu fo na kyerɛkyerɛ boasetɔ mu.

Bere bi bɛba a nnipa rentie nkyerɛkyerɛ pa no, na mmom wobedi wɔn ara wɔn apɛde akyi na wɔaboaboa akyerɛkyerɛfo a wɔbɛka nsɛm a wɔrepɛ atie no ano, na wɔaka akyerɛ wɔn. Wɔbɛpo nokware no tie, na wɔatie anansesɛm.

Nanso mmere nyinaa mu, ɛsɛ sɛ wohwɛ wo ho so yiye. Amanehunu mu, mia w’ani. Yɛ ɔsɛmpakafo adwuma na di wo dwuma nyinaa sɛ Onyankopɔn somfo.

Me de, bere adu sɛ wɔde me bɔ afɔre. Bere aso sɛ migyaw asetena yi. Ɔko pa no, mako; mmirika no, mawie tu; gyidi no makora. Ade a ɛretwɛn me mprempren ne nkonim akyɛde, trenee abotiri a Awurade a ɔyɛ trenee temmufo no de bɛma me da no; ɛnyɛ me nko na mmom wɔn a wɔtena ase ɔdɔ mu twɛn no no nyinaa.

Nkyerɛkyerɛ a etwa to

Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm. 10 Dema dɔɔ nnɛ wiase yi ma ɔyɛɛ saa guan gyaw me kɔɔ Tesalonika. Kreste kɔ Galatia. Tito nso kɔɔ Dalmatia. 11 Luka nko ara na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho na wo ne no mmra, efisɛ, obetumi aboa me adwuma no yɛ. 12 Mesomaa Tihiko Efeso. 13 Sɛ woreba a fa m’atade a migyaw wɔ Karpo nkyɛn wɔ Troia no brɛ me. Ɛyɛ a fa me nhoma no nso ka ho, ne titiriw no, nea wɔde aboa nhoma yɛe no.

14 Aleksandro, kɔbere dwumfo no, haw me papaapa; nea ɔyɛe no Awurade betua no so ka. 15 Ɛyɛ a hwɛ wo ho yiye wɔ ne ho, efisɛ, na otia nsɛm a yɛka no mu denneenen.

16 Bere a mereyi me ho ano no, obiara ammoa me. Wɔn nyinaa guan gyaa me. Onyankopɔn mmfa nntia wɔn. 17 Nanso Awurade ne me tenae maa me ahoɔden ma mitumi kaa asɛm no kyerɛɛ A=manamanmufo ma wotiei. Enti wogyee me fii gyata anom. 18 Na Awurade begye me afi bɔne nyinaa mu na ɔde me akɔ soro ahenni no mu asomdwoe mu. Ɔno na anuonyam nka no daadaa. Amen.

Nkyia a etwa to

19 Kyia Priska ne Akwila ne Onesiforo fifo nyinaa ma me. 20 Erasto kaa Korinto ɛnna migyaw Trofimo wɔ Mileto, efisɛ, na ɔyare. 21 Bɔ mmɔden bra ansa na awɔw bere adu. Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom no nyinaa kyiakyia wo.

22 Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka mo nyinaa.