Add parallel Print Page Options

Amanehunu wɔ hɔ

Kae saa asɛm yi. Nna a edi akyiri no mu mmere no mu bɛyɛ den. Nnipa bi bɛyɛ pɛsɛmenkominya, aniberefo, ahohiahiafo ne ahantanfo; wɔbɛyɛ abususɛmkafo, asoɔdenfo wɔ wɔn awofo so; wɔbɛyɛ bonniayɛ na wɔrempɛ nyamesom nso; wɔbɛyɛ atirimmɔdenfo, wɔrenhu mmɔbɔ, wɔbɛyɛ nnipa dinsɛefo basabasa ne abufuwpɛfo, wɔbɛtan wɔn afɛfo a wɔyɛ nnipa pa no, wɔbɛyɛ afatwafo, aniɔdenfo, wɔn a wɔhoran; wɔbɛpɛ anikade sen sɛ wɔdɔ Onyankopɔn. Wɔbɛyɛ aniani asomfo a wɔbɛpo tumi a ɛwɔ ɔsom no mu no. Twe wo ho fi saa nnipa no ho.

Wɔn mu bi kɔ afi mu kɔhyɛ mmea a wɔn bɔne ama wodi fɔ na akɔnnɔ ahorow bebree hyɛ wɔn so no so; saa mmea no yɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wosua biribi nanso wonhu nokware no akyi kwan. Sɛnea Yane ne Yambre ne Mose dii asi no saa ara nso na saa nnipa yi ne nokware di asi, nnipa a wɔn adwene asɛe na wɔnka hwee wɔ gyidi mu.

Wonnya nkɔso biara efisɛ, obiara behu nkwasea a wɔyɛ te sɛ Yane ne Yambre ara pɛ.

10 Na wo de, woadi me nkyerɛkyerɛ, me suban ne me botae so. Woahu gyidi a mewɔ ne me boasetɔ, me dɔ, 11 taa a wɔtaa me ne m’amanehunu nyinaa. Wunim nsɛm a ɛtotoo me wɔ Antiokia, Ikoniom ne Listra, ne ɔtaa dennen a mitumi gyinaa ano no. Nanso Awurade yii me fii ne nyinaa mu. 12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔne Kristo Yesu bom wɔ wɔn abrabɔ mu no, wɔbɛtaa wɔn; 13 nanso nnipa bɔne bɛkɔ so asɛe daa na wɔadaadaa afoforo ne wɔn ankasa wɔn ho.

14 Nanso, wo de, kɔ so tena ase nokware mu sɛnea wɔkyerɛ wo no, na gye di yiye. Wunim wɔn a na w’akyerɛkyerɛfo no yɛ, 15 na wokae nso sɛ, efi wo mmofraase, woahu Kyerɛwsɛm no a etumi ma wo nyansa a, ɛnam gyidi a wowɔ wɔ Kristo Yesu mu no, kyerɛ wo nkwagye kwan no. 16 Kyerɛwsɛm nyinaa fi Onyankopɔn adwenemhyɛ so na eye ma nokwarekyerɛ, bɔne ho animka, mfomso soteɛ, na ɛkyerɛ asetena pa ho akwan 17 sɛnea ɛbɛyɛ a, obi a ɔsom Onyankopɔn bɛyɛ pɛ na watumi adi dwuma pa.