Add parallel Print Page Options

Nkyia

Saa nhoma yi fi Yesu Kristo somafo Paulo a ɔnam Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn anidaso no hyɛ so nkyɛn, kɔma Timoteo a ɔyɛ me ba kann wɔ gyidi no mu nkyɛn. Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoe nka mo.

Mompo atoro akyerɛkyerɛfo

Mepɛ sɛ motena Efeso sɛnea merekɔ Makedonia no meka kyerɛɛ mo no. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔrekyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ bɔne a ɛsɛ sɛ mohyɛ wɔn na wogyae. Monka nkyerɛ wɔn na wonnyae atorosɛm ne wɔn nenanom din bebrebe a wɔbobɔ no, efisɛ, saa nneyɛe no de akyinnye ba. Ɛmmoa Onyankopɔn nhyehyɛe a wɔnam gyidi nko so na wohu no. Saa ɔhyɛ yi botae ara ne sɛ, ɛbɛkanyan ɔdɔ a efi koma pa, adwenem fann ne gyidi pa mu.

Nnipa bi atwe wɔn ho afi ɔkwan pa no so de wɔn ho ama akyinnye hunu. Wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn mmara no akyerɛkyerɛfo nanso wɔn ara wɔn nsɛm a wɔka no wɔnte ase. Saa ara nso na wonni gyidi wɔ nsɛm a wɔka no mu.

Yenim sɛ, sɛ wɔnam mmara kwan so de Mmara no di dwuma a eye. Ɛsɛ sɛ yɛkae hu sɛ, wɔnyɛ mmara mma atreneefo na mmom wɔyɛ ma mmaratofo, nnebɔneyɛfo, wɔn a wonsuro Nyame ne abɔnefo, wɔn a wɔnyɛ kronkron anaa wɔn ho ntew, wɔn a wokum wɔn agyanom ne wɔn nanom, awudifo, 10 afideyɛfo, aguamammɔfo, nnipawiafo, atorofo a wɔka nkontomposɛm anaa wɔyɛ biribi a ɛne nokware nkyerɛkyerɛ no bɔ abira no. 11 Saa nkyerɛkyerɛ no wɔ Asɛmpa a wɔde ama me sɛ menka ho asɛm nkyerɛ no mu. Ɛyɛ Asɛmpa a efi Onyankopɔn a ɔyɛ onuonyamfo na wɔahyira no no nkyɛn.

12 Meda yɛn Awurade Yesu Kristo a wama me ahoɔden ma midi me dwuma no ase. Meda no ase sɛ wadwen me ho sɛ mefata na wayi me sɛ mensom no. 13 Nanso mmere bi a atwam no, na mekasa tia no, taa no, kaa nsɛm a ɛmfata faa ne ho. Onyankopɔn ahu me mmɔbɔ na esiane sɛ na minnye nni nti, na minnim nea mereyɛ. 14 Yɛn Awurade hwiee n’adom a ɛdɔɔso no guu me so maa me gyidi ne ɔdɔ a esiane sɛ yɛne Kristo Yesu aka abom no nti, abɛyɛ yɛn dea no.

15 Eyi yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ yegye tom na yegye di koraa sɛ: Kristo Yesu baa wiase begyee nnebɔneyɛfo nkwa. Meyɛ ɔdebɔneyɛfo a odi kan koraa. 16 Nanso esiane saa nti, wahu me mmɔbɔ sɛnea ɛbɛyɛ a me a meyɛ ɔdebɔneyɛfo a odi kan no, Kristo Yesu nam me so bɛda ne boasetɔ a enni awiei no adi akyerɛ wɔn a wobegye no adi no na wɔanya nkwa a enni awiei. 17 Anuonyam ne nnidi nka Onyankopɔn daadaa. Ɔno ne mmeresantenhene. Ɔno na wonhu no na onwu da nso. Ɔno nkutoo ne Onyankopɔn a nimdeɛ ahyɛ no ma. Amen.

18 Afei, me ba Timoteo, mede saa dwumadi a wɔhyɛɛ ho nkɔm fi tete no hyɛ wo nsa. Wugu so reko ɔko pa no no, ma saa nsɛm no nyɛ w’akode, 19 na so wo gyidi mu dennen na ma w’adwene mu nyɛ fann. Nnipa bi ntie wɔn atiboa nam saayɛ so asɛe wɔn gyidi. 20 Saa nnipa no bi ne Himeneo ne Aleksandro a mayi wɔn ama Satan na wakyerɛ wɔn sɛnea wɔnnka abususɛm nntia Onyankopɔn.