Add parallel Print Page Options

Adwuma ne sika

Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ asomfo no nyinaa de nidi ma wɔn wuranom sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu bi nkasa ntia Onyankopɔn ne yɛn nkyerɛyerɛ no. Ɛnsɛ sɛ asomfo a wɔn wuranom yɛ gyidifo bu wɔn abomfiaa efisɛ, wɔn nyinaa yɛ anuanom. Mmom, ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn som pa efisɛ, wɔn a wobenya wɔn som no ho mfaso no ne gyidifo a wɔdɔ wɔn no. Ɛsɛ sɛ mokyerɛkyerɛ na moka eyinom nyinaa. Obiara a ɔbɛkyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ foforo na ɔrenka nokware a ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn nyamesom ho no, yɛ ɔhantani a onnim hwee. Ɔyɛ obi a ofi adwene bɔne mu gye akyinnye na ɔko nsɛm so a, ɛnam so de anibere, akasakasa, ayeyawayeyaw, nnipa ho adwemmɔne ne mansotwe a efi adwene a emu nnɔ mu na nokware nni mu ba mu. Wodwen sɛ nyamesom yɛ ɔkwan bi a wɔnam so pɛ sika.

Ɛyɛ nokware sɛ, sɛ obi ani sɔ nea ɔwɔ a, nyamesom ma saa onipa no yɛ ɔdefo. Yɛamfa hwee amma wiase. Saa ara nso na yɛremfa hwee nkɔ. Ɛno nti, sɛ yɛwɔ aduan ne ntama a, ɛno nko dɔɔso ma yɛn. Wɔn a wɔpɛ sɛ wonya wɔn ho no kɔtɔ sɔhwɛ mu na ɛdan ɔhaw ma wɔn ma ɛtwe wɔn kɔ ɔsɛe mu. 10 Na sikanibere yɛ bɔne nyinaa ntini. Nnipa bi de sikanibere asi wɔn ani so denneenen nam so ama wɔapa wɔn gyidi ama awerɛhow ahyɛ wɔn koma ma.

11 Enti, wo a woyɛ Onyankopɔn nipa, twe wo ho fi eyinom nyinaa ho. Di trenee, onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ ne odwo akyi. 12 Bɔ gyidi mu mmirikatu no ho mmɔden na pere nya nkwa a enni awiei no ma wo ho, efisɛ, saa abrabɔ yi nti na bere a wodaa wo gyidi adi wɔ adansefo bebree anim no, Onyankopɔn frɛɛ wo.

13 Meka no Onyankopɔn a ɔma nneɛma nyinaa nkwa no ne Kristo Yesu a ɔkaa nokware wɔ Pontio Pilato anim, hyɛ wo sɛ, 14 tie mmara a mahyɛ ama wo no na di so pɛpɛɛpɛ kosi da a Yesu Kristo bɛba. 15 Onyankopɔn a wɔahyira no na ɔno yɛ Hene, Ahene mu Hene ne Awurade mu Awurade no bɛma no aba bere a ɛsɛ mu. 16 Ɔno nko na ɔwɔ hɔ daa. ɔte hann a obi ntumi mmɛn ho mu. Obiara nhuu no da na obiara nso rentumi nhu no da. Ɔno na nidi ne tumi a enni awiei wɔ no. Amen.

17 Bɔ wiase yi mu ahonyafo kɔkɔ se, wɔmmfa wɔn ahonya nnhoahoa wɔn ho, na wɔmmfa wɔn anidaso nso nnhyɛ adehunu te sɛ ahonya mu, na mmom wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn a ɛnam n’adɔe so, ɔmaa yɛn asetena mu nneɛma pa nyinaa no so. 18 Hyɛ wɔn se, wɔnyɛ papa na wɔnyɛ adefo wɔ nnwuma pa yɛ mu. Wɔnyɛ ayamye na wɔne afoforo nkyɛ. 19 Sɛ wɔyɛ saa a, wɔbɛto fapem pa ama wɔn daakye. Na wɔnam so anya asetena a ɛyɛ asetena pa.

20 Timoteo, hwɛ nea wɔde ahyɛ wo nsa no so yiye. Twe wo ho fi ahuhusɛm ne akyinnyehunu a nnipa bi frɛ no “Nimdeɛ” no ho. 21 Nnipa bi gye tom sɛ wɔwɔ saa nimdeɛ no nam so ahwere gyidi kwan no.

Onyankopɔn adom nka mo.

All who are under the yoke of slavery should consider their masters worthy of full respect,(A) so that God’s name and our teaching may not be slandered.(B) Those who have believing masters should not show them disrespect just because they are fellow believers.(C) Instead, they should serve them even better because their masters are dear to them as fellow believers and are devoted to the welfare[a] of their slaves.

False Teachers and the Love of Money

These are the things you are to teach and insist on.(D) If anyone teaches otherwise(E) and does not agree to the sound instruction(F) of our Lord Jesus Christ and to godly teaching, they are conceited(G) and understand nothing. They have an unhealthy interest in controversies and quarrels about words(H) that result in envy, strife, malicious talk, evil suspicions and constant friction between people of corrupt mind, who have been robbed of the truth(I) and who think that godliness is a means to financial gain.

But godliness with contentment(J) is great gain.(K) For we brought nothing into the world, and we can take nothing out of it.(L) But if we have food and clothing, we will be content with that.(M) Those who want to get rich(N) fall into temptation and a trap(O) and into many foolish and harmful desires that plunge people into ruin and destruction. 10 For the love of money(P) is a root of all kinds of evil. Some people, eager for money, have wandered from the faith(Q) and pierced themselves with many griefs.(R)

Final Charge to Timothy

11 But you, man of God,(S) flee from all this, and pursue righteousness, godliness,(T) faith, love,(U) endurance and gentleness. 12 Fight the good fight(V) of the faith. Take hold of(W) the eternal life(X) to which you were called when you made your good confession(Y) in the presence of many witnesses. 13 In the sight of God, who gives life to everything, and of Christ Jesus, who while testifying before Pontius Pilate(Z) made the good confession,(AA) I charge you(AB) 14 to keep this command without spot or blame(AC) until the appearing of our Lord Jesus Christ,(AD) 15 which God will bring about in his own time(AE)—God, the blessed(AF) and only Ruler,(AG) the King of kings and Lord of lords,(AH) 16 who alone is immortal(AI) and who lives in unapproachable light,(AJ) whom no one has seen or can see.(AK) To him be honor and might forever. Amen.(AL)

17 Command those who are rich(AM) in this present world not to be arrogant nor to put their hope in wealth,(AN) which is so uncertain, but to put their hope in God,(AO) who richly provides us with everything for our enjoyment.(AP) 18 Command them to do good, to be rich in good deeds,(AQ) and to be generous and willing to share.(AR) 19 In this way they will lay up treasure for themselves(AS) as a firm foundation for the coming age, so that they may take hold of(AT) the life that is truly life.

20 Timothy, guard what has been entrusted(AU) to your care. Turn away from godless chatter(AV) and the opposing ideas of what is falsely called knowledge, 21 which some have professed and in so doing have departed from the faith.(AW)

Grace be with you all.(AX)

Footnotes

  1. 1 Timothy 6:2 Or and benefit from the service