Add parallel Print Page Options

Mommɔ mpae mma yɛn

Anuanom, asɛm a etwa to ne sɛ, mommɔ mpae mma yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade asɛm bɛkɔ so atrɛw ntɛm sɛnea ɛyɛe wɔ mo mu no. Afei mommɔ mpae mma yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn beyi yɛn afi abɔnefo ne nsɛmmɔnedifo nsam. Efisɛ, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wogye asɛm no di. Nanso Awurade yɛ ɔnokwafo. Ɔbɛhyɛ mo den na wagye mo afi ɔbɔnefo no nsam. Awurade mma yɛn mo mu anidaso. Yɛwɔ anidaso sɛ moreyɛ na mobɛkɔ so ayɛ biribiara a yɛbɛkyerɛ mo sɛ monyɛ no.

Awurade nka mo ho na munnya ɔdɔ koma mma Onyankopɔn ne Kristo nkuranhyɛ no.

Anihaw ho kɔkɔbɔ

Anuanom, yɛhyɛ mo wɔ Awurade Yesu Kristo din mu sɛ, montwe mo ho mfi anuanom a wodi anihaw na wonni mmara a yɛahyɛ ama wɔn no so no ho. Mo ankasa munim pefee sɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nea yɛyɛe no bi pɛpɛɛpɛ. Bere a na yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛanyɛ anihaw. Obi ammoa yɛn a yɛantua onii no ka. Yɛyɛɛ adwuma denneenen. Awia ne anadwo nyinaa yɛyɛɛ adwuma sɛnea yɛremfa sikasɛm biara nhaw mo adwene. Eyi nkyerɛ sɛ na yenni ho kwan sɛ yebisa mo biribi de boa yɛn asetena. Yɛyɛɛ saa de yɛɛ nhwɛso maa mo. 10 Yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛka kyerɛɛ mo se, “Obiara a ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adwuma no, ɛnsɛ sɛ wɔma odidi.”

11 Yɛka saa asɛm yi, efisɛ, yɛte sɛ mo mu bi yɛ anihafo a wɔnyɛ hwee sɛ wɔnenam nkurɔfo nnwuma ase. 12 Yɛde Awurade Yesu Kristo din hyɛ wɔn, bɔ wɔn kɔkɔ se, wɔmmɔ bra pa na wɔnyɛ adwuma mfa mmɔ wɔn ho akɔhoma.

13 Anuanom munnnyae papayɛ da.

14 Obi wɔ hɔ a ɔrentie nhoma a makyerɛw abrɛ mo yi mu nsɛm. Sɛ muhu obi saa a, monhwɛ no yiye na montwe mo ho mfi ne ho na n’anim ngu ase. 15 Nanso mommfa saa onipa no sɛ ɔyɛ ɔtamfo na mmom, mommɔ no kɔkɔ sɛ mo nua. 16 Na ɔno asomdwoe Awurade no ara mma mo asomdwoe daa ade nyinaa mu. Awurade ne mo nyinaa ntena.

17 Me ara me Paulo, me nsa ano nkyerɛw a menam so rekyia mo ni. Saa kwan yi ara so na mefa kyerɛw nhoma.

18 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.