Add parallel Print Page Options

Nneɛma a edi Kristo ba anim

Ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ba a ɔrebɛba ne boa a wɔbɛboaboa yɛn ano akɔka ne ho no, mesrɛ mo, anuanom, mommma mo adwene mu nnyɛ mo nnaa sɛ da a Awurade reba no adu. Ebia na obi rehyɛ saa nkɔm no anaa obi foforo nso gyina so reka asɛm. Anaasɛ nso wɔka se yɛn nhoma a yɛkyerɛw no bi mu na saa asɛm no wɔ. Mommma obiara nnaadaa mo saa kwan yi so. Saa Da no remma da gye sɛ Adɔnyɛ a etwa to no aba ama ɔbɔnefo no a ɔbɛka daa ɔsɛe mu no ada ne ho adi. Biribiara a nnipa som na wobu no kronkron no obetia mu. Ɔbɛkorɔn ne ho wɔ ne nyinaa so na wakɔtena Onyankopɔn asɔredan mu na waka se ɔno ne Onyankopɔn.

Monkae sɛ bere a me ne mo wɔ hɔ no, na metaa ka eyinom nyinaa kyerɛ mo. Nanso biribi na atwe no asɛn na sɛ bere no du a, ne ho asɛm bɛba.

Ɔbɔnefo no di ne dwuma dedaw na nea ɛbɛba no remma da gye sɛ wayi nea okita mu no afi hɔ. Ɛno ansa na ɔbɔnefo no bɛba, na Awurade Yesu nam n’anom home so betu no agu na ɔde ne ba a ɔbɛba no mu anuonyam asɛe no. Ɔbɔnefo no nam ɔbonsam tumi so na ɛbɛba na wabɛyɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne 10 na ɔnam bɔne so adaadaa wɔn a wɔbɛyera no. Wɔbɛyera, efisɛ, wɔannye nokware no antom, annɔ nokware no na wɔnam so anya nkwa. 11 Eyi nti, Onyankopɔn soma mfomso tumi ma ɛkɔhyɛ wɔn mu na ɛnam so ama wɔagye nsɛm a ɛnyɛ nokware adi. 12 Awiei no ara ne sɛ, wɔn a wonnye nokware no nni na wɔn ani gye bɔne ho no, wobebu wɔn atɛn.

13 Anuanom, ɛsɛ sɛ bere biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo a Awurade dɔ mo no. Efisɛ, ɛnam Honhom no tumi so na Onyankopɔn yii mo sɛ nnipa a mudi kan a wobegye mo nkwa na wɔayɛ mo Onyankopɔn nkurɔfo kronkron wɔ mo gyidi a mowɔ wɔ nokware mu no mu. 14 Onyankopɔn nam Asɛmpa no so frɛɛ mo sɛnea mo ne Awurade Yesu Kristo bɛtena n’anuonyam no mu.

15 Enti, anuanom, munnyina pintinn na monka mo ho mmata nokware a yɛkyerɛɛ mo wɔ asɛnka ne yɛn nhoma no mu no.

16 Yɛn Awurade Yesu Kristo no ankasa ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na ɔnam n’adom mu ahyɛ yɛn daa nkuran ne anidaso pa no, 17 nkyekye mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.