Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn ne ne manfo

Mereka nokware sɛ Kristoni, na m’ahonim a Honhom Kronkron di no adanse kyerɛ me sɛ minni atoro. Midi awerɛhow na mete daa yaw wɔ me koma mu ma me nkurɔfo.

Wɔn nti anka mepɛ sɛ Onyankopɔn nnome ba me so na ɔtew me fi Kristo ho. Wɔyɛ Onyankopɔn manfo a wɔayi wɔn de wɔn ayɛ ne mma de wɔn asan atena n’anuonyam mu. Ɔne wɔn hyɛɛ apam no na ɔde mmara no maa wɔn; ɔkyerɛɛ ɔkwan pa a wɔfa so som maa wɔn nsa kaa bɔhyɛ no. Wɔyɛ tete agyanom asefo na esiane sɛ Kristo bae onipasu so nti, ɔyɛ wɔn aseni. Ayeyi nka Onyankopɔn a ɔyɛ ade nyinaa so tumfo no daadaa. Amen.

Menka se Onyankopɔn bɔhyɛ no amma mu, efisɛ, ɛnyɛ Israelfo nyinaa na Onyankopɔn ayi wɔn sɛ ne manfo. Saa ara nso na ɛnyɛ Abraham asefo nyinaa na wɔyɛ Onyankopɔn mma. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, “Wo manfo befi Isak ase.” Eyi kyerɛ sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ Abraham mma na mmom wɔn a wɔnam Onyankopɔn bɔhyɛ so woo wɔn no na wɔyɛ Abraham asefo turodoo.

Onyankopɔn nam saa bɔhyɛ nsɛm a ɛka se, “Ampa ara, mɛsan aba wo nkyɛn bio bere a ɛsɛ mu no, na wo yere Sara awo ɔba” no so na ɛhyɛɛ saa bɔ no.

10 Ɛnyɛ eyi nko. Rebeka mma baanu no nyinaa fi agya koro a ɔne yɛn agya Isak. 11 Na sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nam ɔba baako so bɛma ne pɛ ada adi no nti, 12 ɔka kyerɛɛ Rebeka se, “Ɔpanyin no bɛsom akumaa no.” Ɔkaa eyi ansa na ɔrewo wɔn ama wɔayɛ papa anaa bɔne. Enti na Onyankopɔn pɛ no gyina ne frɛ a ɔfrɛɛ wɔn no so, na ɛnyɛ wɔn nneyɛe so, 13 sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Medɔɔ Yakob na metan Esau” no.

14 Afei asɛm bɛn na yɛbɛka? Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafo anaa? Dabida! 15 Efisɛ, ɔka kyerɛɛ Mose se, “Nea mepɛ no no na m’ahummɔbɔ bɛkɔ ne so.” 16 Eyi kyerɛ sɛ Onyankopɔn ahummɔbɔ no nnyina ɔpɛ a obi pɛ sɛ onya anaa ne nnwuma so, na mmom egyina Onyankopɔn ahummɔbɔ so.

17 Kyerɛwsɛm no mu, Onyankopɔn ka kyerɛɛ Farao se, “Eyi ara nti na misii wo hene nam so daa me tumi adi sɛnea ɛbɛyɛ a, me tumi bɛda adi wɔ mmaa nyinaa.” 18 Eyi kyerɛ sɛ, Onyankopɔn hu nea ɔpɛ sɛ ohu no mmɔbɔ biara no mmɔbɔ, na nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ den wɔ ne so no nso, ɔyɛ saa. 19 Afei, mo mu baako bebisa me se, “Sɛ saa na ɛte de a, ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn benya nnipa ho mfomso? Hena na obetumi asiw Onyankopɔn kwan n’apɛde ho?”

20 Onua, wone hena a wubetumi akasa akyerɛ Onyankopɔn? Kuku mmisa ne nwemfo se, “Adɛn nti na wonwenee me sɛɛ?” 21 Ɔnwemfo no wɔ ho kwan sɛ ɔde ɔbo no nwene nea ɔpɛ biara. Otumi nwene nkuku abien fi ɔbo tɔw mu, na ɔde mu baaka adi dwuma titiriw bi, na ɔde baako no nso ayɛ nea ɔpɛ biara. 22 Saa ara na ade biara a Onyankopɔn ayɛ no te. Ɔpɛ sɛ ɔda n’abufuw ne ne tumi adi. Enti ɔtɔɔ ne bo ase maa wɔn a anka ɔrebɛsɛe wɔn wɔ n’abufuw mu no. 23 Na ɔnam n’ahummɔbɔ so pɛe sɛ yenya n’anuonyam kɛse a wɔasiesie ama wɔn a wɔyɛ ne de no. 24 Ɛnyɛ wɔn a wɔfrɛɛ wɔn fii Yudafo mu nko na mmom, Amanamanmufo nso.

25 Wɔka wɔ Hosea nwoma mu se, “Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me man no me man, ne ɔman a mannɔ no no me dɔfo. 26 Na beae koro no ara a ɔkae se, ‘Monyɛ me man’ no, ɛhɔ ara na ɔbɛfrɛ wɔn se Onyankopɔn teasefo no mma.”

27 Na Yesaia dii Israelfo ho yaw se, “Sɛ Israelfo dɔɔso sɛ mpoano nhwea mpo a, wɔn mu kakraa bi na wɔbegye wɔn nkwa. 28 Efisɛ, Awurade bebu ntɛn asase so de awie biribiara.”

29 Sɛnea Yesaia kae se, “Sɛ Awurade tumfoɔ no annyaw yɛn akyifo bi a, anka yɛayɛ sɛ Sodom na yɛadan sɛ Gomora”.

30 Afei asɛm bɛn na yɛbɛka bio? Yɛbɛka se Amanamanmufo a wɔampɛ sɛ wɔde wɔn ho bɛta Onyankopɔn no nam gyidi so ma wɔfataa Onyankopɔn anim, 31 wɔ bere a wɔn a wɔayi wɔn no pɛe sɛ wɔnam mmara bi so fata Onyankopɔn anim no, wɔantumi. 32 Adɛn nti na ɛbaa saa? Efisɛ nea wɔyɛe no mfi gyidi mu na mmom efi nnwuma mu. Wohintiwii “hintibo” 33 a Kyerɛwsɛm no ka fa ho se, “Mede hintibo ne amanehunubo a ɛbɛma nnipa ahwe ase reto Sion na obiara a obegye no adi no, anim rengu ase da.”