Add parallel Print Page Options

Abraham nhwɛso

Dɛn na yɛbɛka afa yɛn agya Abraham ho? Osuahu bɛn na onyae? Sɛ ɔnam nneɛma a ɔyɛe so nyaa Onyankopɔn anim anuonyam a, anka ɔwɔ biribi a ɔde bɛhoahoa ne ho. Nanso ɔrentumi nhoahoa ne ho Onyankopɔn anim. Kyerɛwsɛm no kyerɛ yɛn sɛ, “Abraham gyee Onyankopɔn dii; na ɛno so na ɛnam maa Onyankopɔn gyee no sɛ ɔtreneeni no.”

Onipa a ɔyɛ adwuma no fata n’akatua; ɛnsɛ sɛ wobu n’akatua no sɛ akyɛde na mmom ɛyɛ biribi a wayɛ ho adwuma anya. Nanso onipa a ɔwɔ gyidi na ɔnyɛ nnwuma, na ogye Onyankopɔn di, bu wɔn a wodi fɔ bem no, ne gyidi na Onyankopɔn gyina so hwɛ ho ma ɔfata n’anim.

Sɛ Dawid kaa onipa bi a Onyankopɔn agye no sɛ ɔtreneeni a nnwuma nka ho a, na ɔkyerɛ sɛ,

“Nhyira nka wɔn a wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn, na wɔn na wɔakata wɔn bɔne so. Nhyira nka onipa a Awurade nkae ne bɔne!”

Saa anigye a Dawid ka ho asɛm no wɔ hɔ ma twetiatwafo nko anaa? Dabi. Ɛwɔ hɔ ma wɔn nso a wontwaa twetia no. Efisɛ, yɛakan afi Kyerɛwsɛm no mu se, “Abraham gyee Onyankopɔn dii, na esiane ne gyidi nti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔtreneeni.”

10 Bere bɛn na saa asɛm yi sii? Esii ansa na wɔretwa Abraham twetia anaa Abraham twetiatwa no akyi na esii? Esii ansa, na ɛnyɛ twetiatwa no akyi na esii.

11 Akyiri yi na wotwaa no twetia na ne twetiatwa no yɛ nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ, na Onyankopɔn agye no sɛ ɔtreneeni ansa na wɔretwa no twetia. Enti Abraham yɛ Honhom mu agya ma wɔn a wogye Onyankopɔn di nyinaa na wagye wɔn sɛ atreneefo a nso wontwaa wɔn twetia. 12 Afei, ɔsan yɛ twetiatwafo no agya a ɛnyɛ sɛ wɔatwitwa twetia kɛkɛ na mmom, wɔn nyinaa tenaa gyidi mu wɔ wɔn abrabɔ mu sɛ wɔn agya Abraham ansa na wɔretwa no twetia no.

13 Onyankopɔn hyɛɛ Abraham ne n’asefo bɔ sɛ ɔde wiase nyinaa bɛma wɔn. Ɛnyɛ sɛ odi a Abraham di Mmara no so nti na ɔhyɛɛ no saa bɔ no, na mmom esiane ne gyidi nti, Onyankopɔn gyee no sɛ ɔtreneeni. 14 Na sɛ nea Onyankopɔn hyɛ ho bɔ no, ɔde ma wɔn a wodi Mmara no so a, ɛnne na onipa gyidi nka hwee na Onyankopɔn bɔhyɛ no yɛ ohunu. 15 Mmara no de Onyankopɔn abufuw ba; na sɛ Mmara nni hɔ a, mmarato nni hɔ.

16 Wɔnam gyidi so na ɛhyɛɛ saa bɔ no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhyɛ Mmara no mu den sɛ Onyankopɔn akyɛde a ɔde maa Abraham asefo a ɛnyɛ sɛ wɔn a wodi Mmara no so nko, na mmom wɔn a wɔwɔ gyidi sɛ Abraham no, efisɛ, Abraham yɛ yɛn nyinaa honhom mu agya; 17 sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Mayɛ wo aman bebree so agya no.” Enti na bɔhyɛ no teɛ wɔ Onyankopɔn a na Abraham gye no di a, na onyan awufo ba nkwa mu, na ɔhyɛ ma nea enni hɔ ba no ani so.

18 Abraham gye dii na onyaa anidaso bere a na anidaso nni hɔ enti ɔbɛyɛɛ “aman bebree so agya”, sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “W’asefo bɛdɔɔso no” no. 19 Na ɔreyɛ adi mfe ɔha a ɔdwene ne nipadua a ɛreyɛ awu anaa Sara a na ontumi nwo mma no ho no a, na enhinhim ne gyidi koraa.

20 Wampa ne gyidi na wannye Onyankopɔn bɔhyɛ no ho akyinnye. Ne gyidi maa no tumi na ɔkamfoo Onyankopɔn. 21 Na ogye di yiye sɛ Onyankopɔn betumi adi ɛbɔ a wahyɛ no no so. 22 Ɛno nti na Abraham nam gyidi so maa “Onyankopɔn gyee no sɛ ɔtreneeni no.”

23 Wɔankyerɛw nsɛm, “Wogyee no sɛ ɔtreneeni” no amma ɔno nkutoo. 24 Wɔkyerɛw maa yɛn nso a ɛsɛ sɛ wogye yɛn sɛ atreneefo a yɛwɔ gyidi wɔ nea onyanee yɛn Awurade Yesu fii awufo mu no mu nso. 25 Esiane yɛn bɔne nti, wɔde no maa yɛn sɛ ommewu na wonyanee no baa nkwa mu sɛ ommesiesie yɛne Onyankopɔn ntam.