Add parallel Print Page Options

Brɛ wo ho ase ma tumi

13 Ɛsɛ sɛ obiara brɛ ne ho ase ma tumi a ɛwɔ ɔman no mu, efisɛ, tumi biara nni hɔ a emfi Onyankopɔn pɛ mu. Tumi biara a ɛwɔ hɔ no fi Onyankopɔn. Obiara a ɔne tumi a ɛwɔ hɔ no di asi no, tia nea Onyankopɔn ahyehyɛ. Na obiara a ɔbɛyɛ saa no de atemmu ba n’ankasa ara so. Wɔn a wɔyɛ papa no nsuro atumfo na mmom wɔn a wɔyɛ amumɔyɛ no na wosuro atumfo. Wopɛ sɛ woyɛ obi a nea tumi wɔ ne nsam no suro wo anaa? Ɛnne di asɛm pa na wɔbɛkamfo wo. Efisɛ, ɔyɛ Onyankopɔn somfo a wo yiyedi mu nti na ɔyɛ adwuma. Na sɛ woyɛ bɔne a, suro no efisɛ, ne tumi a ɔde twe aso no da hɔ fann. Ɔyɛ Onyankopɔn somfo enti ɔnam Onyankopɔn abufuw so twe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso. Esiane saa nti, ɛsɛ sɛ wobrɛ wo ho ase ma tumi a ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn abufuw no nti, na mmom, esiane onim a wunim sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ no nti.

Eyi nti na ɛsɛ sɛ wutua tow, efisɛ, sɛ atumfo no yɛ wɔn adwuma a, wɔyɛ ma Onyankopɔn. Enti tua ka a wode wɔn; tua ka a wode; sɛ ɛyɛ wo honam mu ka anaasɛ ɛyɛ agyapade ho ka, na fa obu ne nidi ma wɔn nyinaa.

Asɛde

Nne obiara ka. Ɛka a ɛsɛ sɛ wode ara ne sɛ wobɛdɔ afoforo. Obiara a ɔdɔ ne yɔnko nnipa no, adi mmara no so. Mmaransɛm a ɛka se, “Nsɛe aware, nni awu, mmɔ korɔn, mma w’ani mmere,” eyinom ne nea ɛkeka ho nyinaa tiaatwa ara ne sɛ, “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” 10 Obiara a ɔdɔ ne yɔnko no, nyɛ no bɔne. Sɛ wodɔ wo yɔnko a, na ɛkyerɛ sɛ woadi mmara no nyinaa so. 11 Ɛsɛ sɛ woyɛ eyi, efisɛ, wunim dɔn ko a wowɔ mu. Bere adu sɛ wosɔre fi wo nna mu. Efisɛ, bere a ɛsɛ sɛ wogye yɛn nkwa no abɛn sen bere a yegye dii kan no. 12 Adesae retwam, na adekyee reyɛ abɛn yɛn. Enti momma yennyae nneɛma a ɛyɛ sum de no yɛ na momfa akode a wɔde ko hann mu no. 13 Momma yɛmmɔ yɛn bra yiye te sɛ nnipa a wɔte hann no mu a agobɔne anaa asabow, aguamammɔ anaa ahohwi, ɔko anaa anibere nni mu. 14 Fa Awurade Yesu Kristo akode no na munnyae mo su bɔne no.