Add parallel Print Page Options

Nkyia

16 Mede yɛn nuabea Foibe a ɔsom Kenkrea asafo no hyɛ mo nsa. Munnye no Awurade din mu sɛnea ɛsɛ sɛ Onyankopɔn manfo yɛ na mmoa biara a ɛho hia no wɔ mo nkyɛn no, momfa mmoa no. Efisɛ, ɔno ara ankasa faa nnipa bebree ne me nso adamfo.

Mikyia Priska ne Akwila a wɔyɛ me nuanom adwumayɛfo wɔ Kristo Yesu mu a wɔpaa wɔn nkwa akyi maa me no. Meda wɔn ase bebree, ɛnyɛ me nko na mmom Amanamanmufo asafo no nyinaa.

Asafo a wohyia wɔ wɔn fi no nso, mikyia wɔn. Munkyia m’adamfo pa Epaineto a ɔno ne onipa a ɔdii kan gyee Kristo dii wɔ Asia mantam mu no mma me. Afei mikyia Maria a ɔyɛɛ adwuma dennen maa me no nso. Mikyia Androniko ne Yunia, me nuanom Yudafo a me ne wɔn daa afiase a wɔagye din yiye wɔ asomafo no mu na wodii me kan Kristo mu no.

Mikyia m’Awurade mu dɔfo Amplia. Mikyia Ubano a yɛne no somee wɔ Kristo mu. Saa ara nso na mikyia m’adamfo pa Staki.

10 Mikyia Apele a ne Kristosom mu nokware ada adi no. Mikyia Aristobulo abusuafo nyinaa. 11 Mikyia me kuromni Yudani Herodion ne ne nuanom Kristofo a wofi Narkiso fi.

12 Mikyia Trifaina ne Trifosa a wɔbɔ Awurade som mu mmɔden no. Saa ara nso na mikyia m’adamfo Persi a wabɔ mmɔden aboa Awurade som no. 13 Mikyia Rufo a wadi dwuma kɛse Awurade som mu no. Mikyia Rufo ne na a ɔfaa me sɛ ne ba no nso. 14 Mikyia Asinkrito, Flegon, Herme, Patroba, Herma, ne anuanom Kristofo a wɔka wɔn ho nyinaa. 15 Mikyia Filologo ne Yulea, Nereo ne ne nuabea ne Olimpa ne Onyankopɔn manfo a wɔne no wɔ hɔ no nyinaa.

16 Mikyia wɔn nyinaa papaapa. Kristo asafo no nyinaa kyia mo.

17 Anuanom, mitu mo fo sɛ, monhwɛ wɔn a wɔde mpaepaemu ne wɔn a wɔsɛe afoforo gyidi na wotia nkyerɛkyerɛ a moanya no yiye; montwe mo ho mfi wɔn ho. 18 Efisɛ, wɔn a wɔyɛ saa no nsom Kristo, yɛn Awurade no; na mmom, wɔsom biribiara a wɔpɛ na eye ma wɔn. Wɔdɛfɛdɛfɛ wɔn a wonnim hwee. 19 Obiara ate gyidi a mowɔ wɔ Asɛmpa no mu. Ɛno nti, ɛma m’ani gye mo ho. Mepɛ sɛ mo ani tew wɔ nneɛma pa ho na mokata mo ani wɔ bɔne ho. 20 Na Onyankopɔn a ɔbrɛ yɛn asomdwoe no bɛpɛtɛw Satan wɔ mo nan ase. Yɛn Awurade Yesu Kristo dom nka mo.

21 Me yɔnko Timoteo se okyia mo. Saa ara nso na Lukio, Yason ne Sosipatro a wɔyɛ me nuanom Yudafo no nso kyia mo.

22 Me Tertio a mekyerɛw saa krataa yi nso, mede Awurade din mikyia mo.

23 Gaio a asafo no hyia wɔ ne fi no nso kyia mo. Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafo ne yɛn nua Kwarto se wokyia mo. 24 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.

25 Momma yenyi Onyankopɔn ayɛ! Ɔno na otumi ma mugyina pintinn wɔ mo gyidi mu sɛnea mekae wɔ asɛmpa a ɛfa Yesu Kristo ho no mu kyerɛɛ mo no. Me kasa mu no, medaa nokware ahintasɛm a ahintaw afi teteete no adi kyerɛɛ mo. 26 Mprempren, ɛnam nsɛm a adiyifo no kyerɛwee so ama nokware ada adi na ɛnam Onyankopɔn tumi so ama aman nyinaa atie, agye adi.

27 Onyankopɔn a ɔno nko na nyansa nyinaa wɔ no no, anuonyam a ɛnam Yesu Kristo so nka no daa daa! Amen.

Personal Greetings

16 I commend(A) to you our sister Phoebe, a deacon[a][b] of the church in Cenchreae.(B) I ask you to receive her in the Lord(C) in a way worthy of his people(D) and to give her any help she may need from you, for she has been the benefactor of many people, including me.

Greet Priscilla[c] and Aquila,(E) my co-workers(F) in Christ Jesus.(G) They risked their lives for me. Not only I but all the churches of the Gentiles are grateful to them.

Greet also the church that meets at their house.(H)

Greet my dear friend Epenetus, who was the first convert(I) to Christ in the province of Asia.(J)

Greet Mary, who worked very hard for you.

Greet Andronicus and Junia, my fellow Jews(K) who have been in prison with me.(L) They are outstanding among[d] the apostles, and they were in Christ(M) before I was.

Greet Ampliatus, my dear friend in the Lord.

Greet Urbanus, our co-worker in Christ,(N) and my dear friend Stachys.

10 Greet Apelles, whose fidelity to Christ has stood the test.(O)

Greet those who belong to the household(P) of Aristobulus.

11 Greet Herodion, my fellow Jew.(Q)

Greet those in the household(R) of Narcissus who are in the Lord.

12 Greet Tryphena and Tryphosa, those women who work hard in the Lord.

Greet my dear friend Persis, another woman who has worked very hard in the Lord.

13 Greet Rufus,(S) chosen(T) in the Lord, and his mother, who has been a mother to me, too.

14 Greet Asyncritus, Phlegon, Hermes, Patrobas, Hermas and the other brothers and sisters with them.

15 Greet Philologus, Julia, Nereus and his sister, and Olympas and all the Lord’s people(U) who are with them.(V)

16 Greet one another with a holy kiss.(W)

All the churches of Christ send greetings.

17 I urge you, brothers and sisters, to watch out for those who cause divisions and put obstacles in your way that are contrary to the teaching you have learned.(X) Keep away from them.(Y) 18 For such people are not serving our Lord Christ,(Z) but their own appetites.(AA) By smooth talk and flattery they deceive(AB) the minds of naive people. 19 Everyone has heard(AC) about your obedience, so I rejoice because of you; but I want you to be wise about what is good, and innocent about what is evil.(AD)

20 The God of peace(AE) will soon crush(AF) Satan(AG) under your feet.

The grace of our Lord Jesus be with you.(AH)

21 Timothy,(AI) my co-worker, sends his greetings to you, as do Lucius,(AJ) Jason(AK) and Sosipater, my fellow Jews.(AL)

22 I, Tertius, who wrote down this letter, greet you in the Lord.

23 Gaius,(AM) whose hospitality I and the whole church here enjoy, sends you his greetings.

Erastus,(AN) who is the city’s director of public works, and our brother Quartus send you their greetings. [24] [e]

25 Now to him who is able(AO) to establish you in accordance with my gospel,(AP) the message I proclaim about Jesus Christ, in keeping with the revelation of the mystery(AQ) hidden for long ages past, 26 but now revealed and made known through the prophetic writings(AR) by the command of the eternal God, so that all the Gentiles might come to the obedience that comes from[f] faith(AS) 27 to the only wise God be glory forever through Jesus Christ! Amen.(AT)

Footnotes

  1. Romans 16:1 Or servant
  2. Romans 16:1 The word deacon refers here to a Christian designated to serve with the overseers/elders of the church in a variety of ways; similarly in Phil. 1:1 and 1 Tim. 3:8,12.
  3. Romans 16:3 Greek Prisca, a variant of Priscilla
  4. Romans 16:7 Or are esteemed by
  5. Romans 16:24 Some manuscripts include here May the grace of our Lord Jesus Christ be with all of you. Amen.
  6. Romans 16:26 Or that is