Add parallel Print Page Options

Okristoni abrabɔ

12 Ɛno nti, anuanom, esiane Onyankopɔn ahummɔbɔ nti, mehyɛ mo sɛ momfa mo ho mmɔ afɔre a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani. Eyi ne nokwasɛm a ɛsɛ sɛ musom. Monnyɛ mo ho sɛ wiasefo wɔ mo abrabɔ mu, na mmom momma Onyankopɔn nsakra mo adwene wɔ mo mu na moanya adwene foforo, na ɛnam so ama moahu Onyankopɔn apɛde, nea eye, nea ɛsɔ n’ani, ne nea ewie pɛyɛ.

Na esiane Onyankopɔn adom a ɔde ama me no nti, meka mekyerɛ mo nyinaa se, munnnwen mo ho mma ɛmmmoro sɛnea ɛsɛ sɛ mudwen, na mmom munnwen ahobrɛase mu na mo mu biara nnyina gyidi a Onyankopɔn de ama mo no so mmu ne ho atɛn. Yɛwɔ akwaa bebree wɔ nnipa dua baako ho. Saa akwaa yi biara wɔ dwuma a edi. Saa ara na ɛte. Ɛwom sɛ yɛdɔɔso de nanso yɛyɛ honam koro a yɛne Kristo ayɛ baako na yɛn nyinaa keka yɛn ho bobom sɛ nipadua baako ho akwaa.

Enti ɛsɛ sɛ yɛnam adom a Onyankopɔn de adom yɛn no so de yɛn akyɛde ahorow no di dwuma. Sɛ yɛn adom no kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛka Onyankopɔn asɛm a, ɛsɛ sɛ yɛnam gyidi a yɛwɔ no so di saa dwuma no. Sɛ ɛyɛ ɔsom a, ɛsɛ sɛ yɛsom. Sɛ ɛyɛ nkyerɛkyerɛ a, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ. Sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛ afoforo nkuran a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. Nea obiara wɔ a ɛsɛ sɛ ɔma afoforo nya bi no ɛsɛ sɛ ofi koma pa mu yɛ saa; obiara a ɔwɔ tumi no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ nsi; obiara a ɔyɛ ayamye ma afoforo no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ no anigye so.

Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ nokware turodoo. Munkyi amumɔyɛ. Munso ade pa yɛ mu. 10 Monnodɔ mo ho mo ho sɛ anuanom wɔ Kristo mu na munni mo ho mo ho ni. 11 Monyɛ nsi na monnyɛ anihaw. Momfa koma pa nsom Awurade.

12 Momma mo anidaso nkanyan mo. Amane mu monyɛ komm na bere biara mu mommɔ mpae. 13 Momma mo nuanom ahiafo mo ahode a mowɔ no bi na munnye ahɔho wɔ mo afi mu.

14 Monsrɛ Onyankopɔn na onhyira wɔn a wɔtaa mo no; yiw, monsrɛ no na onhyira wɔn na monnsrɛ no mma ɔnnnome wɔn. 15 Mo ne anigyefo ani nnye na mo ne awerɛhowfo werɛ nhow. 16 Munhu mma mo ho mo ho. Monnyɛ ahantan. Afei mommpɛ animhwɛ wɔ nnipa atitiriw mu na mmom momfa mo ho mfra mpapahwekwa. Munnnwen sɛ moyɛ anyansafo.

17 Sɛ obi yɛ mo bɔne a, mommfa bɔne nntua no so ka. Nea nnipa nyinaa susuw sɛ eye no, ɛno na monyɛ. 18 Biribiara a mugye di sɛ moyɛ a ɛbɛma mo ne nnipa nyinaa atena ase asomdwoe mu no, ɛno na monyɛ.

19 Me nnamfonom, munntua bɔne so ka. Na mmom momma Onyankopɔn abufuw nyɛ saa. Efisɛ, Kyerɛwsɛm no ka se, “Metua bɔne so ka, metua ka, Awurade na ose.” 20 Na Kyerɛwsɛm no ka se, “Sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan nni. Sɛ osukɔm de no a, ma no nsu nnom. Na sɛ woyɛ saa a, woboaboa nnyansrama ano gu n’atifi.” 21 Mommma bɔne nnni mo so. Mmom, momma papa nni mo so.

A Living Sacrifice

12 Therefore, I urge you,(A) brothers and sisters, in view of God’s mercy, to offer your bodies as a living sacrifice,(B) holy and pleasing to God—this is your true and proper worship. Do not conform(C) to the pattern of this world,(D) but be transformed by the renewing of your mind.(E) Then you will be able to test and approve what God’s will is(F)—his good, pleasing(G) and perfect will.

Humble Service in the Body of Christ

For by the grace given me(H) I say to every one of you: Do not think of yourself more highly than you ought, but rather think of yourself with sober judgment, in accordance with the faith God has distributed to each of you. For just as each of us has one body with many members, and these members do not all have the same function,(I) so in Christ we, though many, form one body,(J) and each member belongs to all the others. We have different gifts,(K) according to the grace given to each of us. If your gift is prophesying,(L) then prophesy in accordance with your[a] faith;(M) if it is serving, then serve; if it is teaching, then teach;(N) if it is to encourage, then give encouragement;(O) if it is giving, then give generously;(P) if it is to lead,[b] do it diligently; if it is to show mercy, do it cheerfully.

Love in Action

Love must be sincere.(Q) Hate what is evil; cling to what is good.(R) 10 Be devoted to one another in love.(S) Honor one another above yourselves.(T) 11 Never be lacking in zeal, but keep your spiritual fervor,(U) serving the Lord. 12 Be joyful in hope,(V) patient in affliction,(W) faithful in prayer.(X) 13 Share with the Lord’s people who are in need.(Y) Practice hospitality.(Z)

14 Bless those who persecute you;(AA) bless and do not curse. 15 Rejoice with those who rejoice; mourn with those who mourn.(AB) 16 Live in harmony with one another.(AC) Do not be proud, but be willing to associate with people of low position.[c] Do not be conceited.(AD)

17 Do not repay anyone evil for evil.(AE) Be careful to do what is right in the eyes of everyone.(AF) 18 If it is possible, as far as it depends on you, live at peace with everyone.(AG) 19 Do not take revenge,(AH) my dear friends, but leave room for God’s wrath, for it is written: “It is mine to avenge; I will repay,”[d](AI) says the Lord. 20 On the contrary:

“If your enemy is hungry, feed him;
    if he is thirsty, give him something to drink.
In doing this, you will heap burning coals on his head.”[e](AJ)

21 Do not be overcome by evil, but overcome evil with good.

Footnotes

  1. Romans 12:6 Or the
  2. Romans 12:8 Or to provide for others
  3. Romans 12:16 Or willing to do menial work
  4. Romans 12:19 Deut. 32:35
  5. Romans 12:20 Prov. 25:21,22