Add parallel Print Page Options

Saa krataa yi fi Simon Petro a ɔyɛ Yesu Kristo somfo ne ne somafo nkyɛn. Ɔde kɔma wɔn a esiane yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo trenee nti, wɔama wɔn gyidi a ɛsom bo te sɛ yɛn de no ara pɛ no.

Adom na asomdwoe a ɛdɔɔso a efi Onyankopɔn ne Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no mmra mo so.

Frɛ a Onyankopɔn frɛ

Sɛnea munim no yiye no, ɔnam ne tumi so bɛma mo biribiara a ɛho hia ma asetena pa no. Na ɔma yɛn n’anuonyam ne nnepa a ɔwɔ no mpo bi. Ɔnam saa tumi no ara so ama yɛn akyɛde a ɛsom bo sɛnea ɔhyɛɛ yɛn ho bɔ no. Na ɛnam so ama mo aguan afi anibere bɔne a ɛwɔ wiase no ho na mo ne no atena ne su no mu.

Esiane saa nti, mommɔ mmɔden mfa nneyɛe a ɛho tew nka mo gyidi ho; na momfa nimdeɛ nka nneyɛe a ɛho tew ho; na momfa ahohyɛso nka mo nimdeɛ ho; na momfa boasetɔ nka mo ahohyɛso ho; na momfa nyamesom pa nka mo boasetɔ ho; na momfa onuadɔ nka nyamesom pa ho; na momfa ɔdɔ mapa nka onuadɔ ho. Eyinom ne su pa a ɛho hia mo. Na sɛ munya ma ɛdɔɔso a, ɛbɛma mo ayɛ nnam wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ mu. Na obiara a onni bi no yɛ onifuraefo a ontumi nhu ade a ne werɛ afi sɛ wɔahohoro ne bɔne dedaw no.

10 Enti me nuanom adɔfo, monyere mo ho wɔ dwuma no di mu, na enni mo ho adanse ampa ara sɛ Onyankopɔn afrɛ mo, ayi mo atena hɔ afebɔɔ. Sɛ moyɛ saa a, morenhintiw na morempa abaw nso. 11 Sɛ mofa saa kwan yi so a, wɔbɛma mo akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo ahenni a ɛto ntwa da no mu.

12 Ne saa nti, daa mekaekae mo saa asɛm yi a munim na atim nokware a moagye adi no mu no.

13 Misusuw sɛ, eye sɛ mmere dodow a mete ase yi, mɛbɔ mo nkae wɔ saa asɛm yi ho. 14 Minim sɛ ɛrenkyɛ biara megyaw saa ɔhonam yi hɔ sɛnea yɛn Awurade Yesu Kristo daa no adi kyerɛɛ me no. 15 Mɛbɔ mmɔden sɛ mɛfa ɔkwan bi so ama mo akae saa nsɛm yi bere biara me wu akyi.

16 Ɛnyɛ anansesɛm na yɛte bɛka kyerɛɛ mo fa yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ba a ɔrebɛba no ho na mmom, yɛahu na yedi ne kɛseyɛ no ho adanse. 17 Yɛwɔ hɔ bi na Agya Onyankopɔn hyɛɛ no anuonyam bere a ɛnne bi fi Anuonyam kɛse mu kae se, “Oyi ne me dɔ Ba a ɔsɔ m’ani!” no. 18 Yɛn ankasa tee nne no sɛ efi soro reba bere a na yɛne no wɔ Bepɔw Kronkron no so no.

19 Ɛno nti, ɛma yenya nkɔm a odiyifo no hyɛe no mu gyidi yiye. Ɛsɛ sɛ mutie no yiye efisɛ, ɛte sɛ kanea a ɛhyerɛn wɔ sum mu kosi da a ade bɛkye ama anɔpa nsoromma ahyerɛn wɔ mo koma mu no. 20 Eyinom nyinaa akyi no, monkae saa asɛm yi: Obiara nni hɔ a ɔnam n’ankasa so betumi akyerɛ Kyerɛwsɛm mu nkɔnhyɛ ase. 21 Na nkɔmhyɛ biara nso nni hɔ a efi onipa mu na mmom Honhom Kronkron no na ɛkyerɛɛ nnipa kwan bere a wɔreka asɛm a efi Onyankopɔn nkyɛn no.