Add parallel Print Page Options

Saa krataa yi fi Yesu Kristo somafo Petro nkyɛn. Ɔde kɔma Onyankopɔn nnipa a wayi wɔn a wɔahwete sɛ ahɔho kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia amantam mu no.

Wɔnam Agya Onyankopɔn botae so na woyii mo na wɔnam ne Honhom so tew mo ho sɛ munni Yesu Kristo akyi na ɛnam so ma ne mogya no atew mo ho. Adom ne asomdwoe a ɛdɔɔso nka mo.

Anidaso

Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Esiane n’ahummɔbɔ dodow nti, ɔnam nyan a onyanee Yesu Kristo fii owu mu no so maa yɛn nkwa foforo. Eyi ma yenya anidaso a atim, enti yɛrehwɛ anim sɛ yebenya nhyira dodow a Onyankopɔn akora a ɔde ma ne mma no bi. Ɔde sie wɔ soro ma mo efisɛ, ɛhɔ de, ɛremporɔw anaa ɛrensɛe na ɛrempa nso. Na Onyankopɔn gyina ne tumi kɛse no so bɛhwɛ sɛ mubedu hɔ asomdwoe mu na mo nsa aka, efisɛ, mugye no di. Ɛbɛyɛ mo de nna a edi akyi no mu ama obiara ahu.

Ɛwom sɛ, ebia mprempren ɛbɛba sɛ, esiane ɔhaw pii a mobɛfa mu no nti, mo werɛ bɛhow de, nanso momma mo ani nnye saa asɛm yi ho.

Wɔn botae ne sɛ, wobehu sɛ mo gyidi no yɛ kann. Sikakɔkɔɔ a wotumi sɛe no no mpo, wɔde ogya sɔ hwɛ enti mo gyidi a ɛsom bo kyɛn sikakɔbɔɔ no, ɛsɛ sɛ wɔsɔ hwɛ hu sɛ, ebetumi atim anaa. Ɛno ansa na da a Yesu Kristo bɛba no, mubenya anuonyam.

Ɛwom sɛ munhu Yesu mprempren, nanso modɔ no. Munhuu no da, nanso mugye no di. Anigye a moanya no mma ɔka, efisɛ, mo gyidi ho mfaso a ɛyɛ mo kra nkwagye no, mo nsa reka.

10 Saa nkwagye yi ho na adiyifo no de boasetɔ hwehwɛɛ mu hyɛɛ saa akyɛde yi a Onyankopɔn de bɛma mo no ho nkɔm. 11 Wodwen bere ko a Kristo honhom a ɛwɔ wɔn mu a edii Kristo amane a obehui ne anuonyam a ebedi akyi no ho adanse no yikyerɛ no ho.

12 Onyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifo no sɛ wɔn adwuma no nni wɔn yiyedi mu na mmom ɛwɔ mo yiyedi mu. Na akyiri yi ara wɔada Asɛmpa no adi akyerɛ yɛn nyinaa. Saa Honhom Kronkron no a wɔsoma fi soro no tumi so a wɔnam kasa kyerɛɛ wɔn no ara so na wɔnam kasa kyerɛɛ yɛn nso. Eyinom yɛ nneɛma bi a abɔfo mpo pɛ sɛ wɔte ase. 13 Enti munsi mo adwene pi na munni dwuma. Munnyina yiye na momma mo ani nna nhyira a wɔde bɛma mo Yesu Kristo ba a ɔbɛba no mu no so.

14 Muntie Onyankopɔn, na mommma akɔnnɔ abrabɔ a edii mo so bere a na munnim no nnni mo so. 15 Na mmom, monyɛ kronn wɔ biribiara a moyɛ mu sɛnea Onyankopɔn a ɔfrɛɛ mo no yɛ kronn no. 16 Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛsɛ sɛ moyɛ kronn, efisɛ, meyɛ kronn.”

17 Monkae sɛ mo Agya a ɔwɔ soro a mobɔ no mpae no nhwɛ nnipa anim wɔ n’atemmu mu. Ɛno nti mo nna a aka mo wɔ asase yi so no, momfa nidi nyinaa mma no.

18 Efisɛ, munim bo a wotua de gyee mo fii abrabɔ bɔne a mo nenanom kyerɛɛ mo no mu. Ɛnyɛ ade a ɛhwere ne bo a ɛsom te sɛ dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ no. 19 Kristo a ɔte sɛ oguammaa a onni dɛm no de ne ho bɔɔ afɔre a ne bo yɛ den ma munyaa ahofadi. 20 Ansa na wɔrebɔ wiase no, na Onyankopɔn ayi no na mo nti na nna a edi akyiri yi no, wɔdaa no adi.

21 Ɛnam ne so na mugyee Onyankopɔn a onyanee no fii awufo mu na ɔmaa no anuonyam no dii. Ɛnam so ama mo gyidi ne mo anidaso atim wɔ Onyankopɔn mu. 22 Afei a moayɛ osetie ama nokware no nti, mo ho atew na mododɔ mo nuanom gyidifo nokware mu yi, mumfi mo koma nyinaa mu nnodɔ mo ho mo ho. 23 Efisɛ, ɛnam Onyankopɔn asɛm a etim hɔ daa no so ama wɔawo mo bio sɛ mma a wɔn awofo nwu da na wɔte hɔ daapem. 24 Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Nnipa nyinaa te sɛ sare; na wɔn anuonyam te sɛ nhwiren. Sare no wu ma ne nhwiren no po, 25 nanso Awurade asɛm no wɔ hɔ daa nyinaa.” Eyi ne asɛm a Asɛmpa no de brɛɛ mo.