Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn ankasa nkurɔfo

Montwe mo ho mfi bɔne nyinaa, atoro anaa nyaatwom anaa anibere anaa oburu kasa ho. Monyɛ sɛ nkokoaa a bere biara sukɔm de mo sɛ mubenya honhom mu nufusu kronn anom na sɛ monom a, moanyin na wɔagye mo nkwa. Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Moaka Awurade ayamye no ahwɛ.” Mommra Awurade a ɔyɛ ɔbo a nkwa wom no nkyɛn. Ɔno na nnipa poo no, na Onyankopɔn yii no sɛ n’ade a ɛsom bo.

Mo nso mote sɛ abo a nkwa wɔ mu a, wɔnam so resi dan a honhom ahyɛ ma a ɛbɛyɛ asɔfo Kronkron fi a wɔnam Yesu Kristo so bɛbɔ afɔre a ɛho tew wɔ mu ama Onyankopɔn no. Na Kyerɛwsɛm no ka se, “Mayi ɔbo a ɛho hia a mede bɛyɛ Sion tweatibo a obiara a obegye no adi no, wɔrenni no huammɔ.”

Saa ɔbo yi ho wɔ mfaso yiye ma mo a mugye di, na wɔn a wonnye nni no: “Ɔbo a abantofo apo no, ɛbɛyɛɛ tweatibo.” Wɔka bio wɔ Kyerɛwsɛm no mu se, “Saa ɔbo yi na ɛbɛma nnipa ahintiw; ɔbotan a ɛbɛma wɔahwe ase.” Wohintiwii efisɛ, na wonnye asɛm no nni. Saa na Onyankopɔn hyɛe.

Na mo de, moyɛ nnipa a wɔayi mo, sɛ ɔhene asɔfo, ɔman kronkron, Onyankopɔn ankasa nkurɔfo a wɔayi mo sɛ monka n’anwonwadwuma no ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ mo fi sum mu baa n’ankasa hann nwonwaso no mu.

10 Nna bi a atwam no, na monyɛ Onyankopɔn nkurɔfo nanso afei, moyɛ ne nkurɔfo; nna bi a atwam no na munnim Onyankopɔn ahummɔbɔ no, nanso mprempren, moanya n’ahummɔbɔ no.

Onyankopɔn asomfo

11 M’adɔfo, mekasa kyerɛ mo sɛ ahɔho ne amamfrafo a mowɔ wiase. Montwe mo ho mfi honam akɔnnɔ a daa ɛne ɔkra no di asi no ho.

12 Mummu ɔbra pa wɔ manmufo a mofra wɔn mu no mu, na sɛ wɔka mo ho nsɛm sɛ moyɛ nnebɔneyɛfo a, wɔahu mo papa a moayɛ no nso nam so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam ɛda a ɔbɛba no.

13 Mommrɛ mo ho ase wɔ Awurade din mu mma nnipa, Ɔhene Kɛse 14 ne amradofo a ɔno na ɔsomaa wɔn sɛ wɔntwe nnebɔneyɛfo aso na wɔnkamfo wɔn a wɔyɛ papa no no.

15 Onyankopɔn ahyɛde ne sɛ, ɔpɛ sɛ monam mo nneyɛe pa so ka nnipa a wɔkasa kwa no kasa no hyɛ. 16 Montena ase sɛ nnipa a mode mo ho. Na mommfa ɔde a mode mo ho no nnkata bɔne biara so. Na mmom montena ase sɛ Onyankopɔn asomfo.

17 Momfa nidi mma nnipa nyinaa. Monnɔ anuanom gyidifo. Munsuro Onyankopɔn, na mummu Ɔhempɔn.

18 Mo afi mu asomfo nso, mommrɛ mo ho ase mma mo wuranom, na munnni wɔn a wɔn yam ye na wɔn tirim yɛ mmrɛw nko ni na wɔn a wɔhyɛ nnipa so nso, munni wɔn ni. 19 Sɛ motɔ mo bo ase tena saa yaw a ɛmfata yi mu a, Onyankopɔn behyira mo, efisɛ, munim ne pɛ. 20 Na sɛ moyɛ bɔne na wɔhwe mo na munya ho boasetɔ a, mfaso bɛn na mubenya? Na sɛ moyɛ papa na wɔhwe mo na munya ho boasetɔ a, Onyankopɔn behyira mo. 21 Eyi nti na Onyankopɔn frɛɛ mo, efisɛ, Kristo no ankasa huu amane maa mo de saa nhwɛso no gyaw mo sɛnea mubedi n’anammɔn akyi. 22 Wanyɛ bɔne. Obiara ante atorosɛm biara amfi n’ano. 23 Wɔyaw no no, wanyaw bi antua ka. Ohuu amane no, wampoopoo n’ani na ɔde n’anidaso nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn a ɔyɛ Ɔtemmufo pa no mu. 24 Kristo no ankasa soaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ asɛnnua no so sɛnea yebewu ama bɔne na yɛatena ase trenee mu. N’akuru mu na moanya ayaresa. 25 Na mote sɛ nguan a wɔayera nanso afei de, wɔde mo asan aba sɛ mummedi Oguanhwɛfo no ne mo Krasohwɛfo no akyi.

Therefore, rid yourselves(A) of all malice and all deceit, hypocrisy, envy, and slander(B) of every kind. Like newborn babies, crave pure spiritual milk,(C) so that by it you may grow up(D) in your salvation, now that you have tasted that the Lord is good.(E)

The Living Stone and a Chosen People

As you come to him, the living Stone(F)—rejected by humans but chosen by God(G) and precious to him— you also, like living stones, are being built(H) into a spiritual house[a](I) to be a holy priesthood,(J) offering spiritual sacrifices acceptable to God through Jesus Christ.(K) For in Scripture it says:

“See, I lay a stone in Zion,
    a chosen and precious cornerstone,(L)
and the one who trusts in him
    will never be put to shame.”[b](M)

Now to you who believe, this stone is precious. But to those who do not believe,(N)

“The stone the builders rejected(O)
    has become the cornerstone,”[c](P)

and,

“A stone that causes people to stumble
    and a rock that makes them fall.”[d](Q)

They stumble because they disobey the message—which is also what they were destined for.(R)

But you are a chosen people,(S) a royal priesthood,(T) a holy nation,(U) God’s special possession,(V) that you may declare the praises of him who called you out of darkness into his wonderful light.(W) 10 Once you were not a people, but now you are the people of God;(X) once you had not received mercy, but now you have received mercy.

Living Godly Lives in a Pagan Society

11 Dear friends,(Y) I urge you, as foreigners and exiles,(Z) to abstain from sinful desires,(AA) which wage war against your soul.(AB) 12 Live such good lives among the pagans that, though they accuse you of doing wrong, they may see your good deeds(AC) and glorify God(AD) on the day he visits us.

13 Submit yourselves for the Lord’s sake to every human authority:(AE) whether to the emperor, as the supreme authority, 14 or to governors, who are sent by him to punish those who do wrong(AF) and to commend those who do right.(AG) 15 For it is God’s will(AH) that by doing good you should silence the ignorant talk of foolish people.(AI) 16 Live as free people,(AJ) but do not use your freedom as a cover-up for evil;(AK) live as God’s slaves.(AL) 17 Show proper respect to everyone, love the family of believers,(AM) fear God, honor the emperor.(AN)

18 Slaves, in reverent fear of God submit yourselves to your masters,(AO) not only to those who are good and considerate,(AP) but also to those who are harsh. 19 For it is commendable if someone bears up under the pain of unjust suffering because they are conscious of God.(AQ) 20 But how is it to your credit if you receive a beating for doing wrong and endure it? But if you suffer for doing good and you endure it, this is commendable before God.(AR) 21 To this(AS) you were called,(AT) because Christ suffered for you,(AU) leaving you an example,(AV) that you should follow in his steps.

22 “He committed no sin,(AW)
    and no deceit was found in his mouth.”[e](AX)

23 When they hurled their insults at him,(AY) he did not retaliate; when he suffered, he made no threats.(AZ) Instead, he entrusted himself(BA) to him who judges justly.(BB) 24 “He himself bore our sins”(BC) in his body on the cross,(BD) so that we might die to sins(BE) and live for righteousness; “by his wounds you have been healed.”(BF) 25 For “you were like sheep going astray,”[f](BG) but now you have returned to the Shepherd(BH) and Overseer of your souls.(BI)

Footnotes

  1. 1 Peter 2:5 Or into a temple of the Spirit
  2. 1 Peter 2:6 Isaiah 28:16
  3. 1 Peter 2:7 Psalm 118:22
  4. 1 Peter 2:8 Isaiah 8:14
  5. 1 Peter 2:22 Isaiah 53:9
  6. 1 Peter 2:25 Isaiah 53:4,5,6 (see Septuagint)