Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn, wiase Hene

98 Monto dwom foforo mma Awurade. Wayɛ anwonwade bebree! Ɔnam ne tumi ne n’ahoɔden kronkron so adi nkonim. Awurade bɔɔ ne nkonimdi ho nkae; ɔdaa tumi a ɔnam so gye nkwa no adi kyerɛɛ aman. Odii bɔ a ɔhyɛɛ Israelfo no so wɔ ne nokware ne ɔdɔ a ɔdɔɔ wɔn daa no mu. Nnipa a wɔwɔ baabiara ahu yɛn Nyankopɔn nkonimdi. To dwom a ɛma ahosɛpɛw ma Awurade, mo asase nyinaa, momfa nnwom ne ahosɛpɛw nteɛteɛm nkamfo no.

Monto ayeyi nnwom mma Awurade! Mommɔ nnwom wɔ nsanku so! Mommɔ ntorobɛnto ne mmɛn na monteɛm ahosɛpɛw so mma Awurade, yɛn hene. Ɛpo ne abɔde a ɛwɔ mu nyinaa monworo so; asase ne biribiara a ɛwɔ so, monto nnwom.

Nsu, mommɔ mo nsam; mmepɔw, mommom nto dwom ahosɛpɛw so wɔ Awurade anim, efisɛ, ɔrebedi asase so. Obedi wiasefo so nokwarem.