Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn, Ɔhene Kɛse

97 Awurade yɛ ɔhene! Asase, ma w’ani nnye! Nsupɔw a ɛwɔ po mu nyinaa, monsɛpɛw mo ho!

Omununkum ne esum atwa ne ho ahyia; odi hene atɛntrenee ne nokware mu. Ogya di n’anim a ɛrehyew n’atamfo a wɔatwa ne ho ahyia no. N’anyinam hyerɛn wiase nyinaa; asase hu ma ne ho popo. Mmepɔw nan te sɛ nku wɔ Awurade anim, Awurade a asase nyinaa yɛ ne de anim. Ɔsorofo da ne trenee adi, na aman nyinaa hu n’anuonyam.

Wogu obiara a ɔsom ahoni no anim ase; anyame nyinaa kotow Awurade anim. Nnipa a wɔwɔ Sion ani agye, na Yuda nkurow nso ho sɛpɛw wɔn ma w’atɛn a worebebu no, O Awurade. Awurade Tumfoɔ, wo na wudi asase nyinaa so; woso sen anyame nyinaa mpɛn bebree.

10 Awurade dɔ wɔn a wokyi bɔne; ɔbɔ ne nkurɔfo nkwa ho ban. Ogye wɔn fi amumɔyɛfo tumi ase. 11 Hann hyerɛn atreneefo so, na anigye ba wɔn a wɔyɛ papa so. 12 Mo atreneefo nyinaa mo ani nnye wɔ nea Awurade ayɛ ama mo no nti! Monkae nea Onyankopɔn kronkron no ayɛ, na monna no ase.