Add parallel Print Page Options

Ayeyi dwom

95 Bra na yɛnkamfo Awurade! Momma yɛnto ahosɛpɛw dwom mma Onyankopɔn a ɔbɔ yɛn ho ban no! Momma yɛmfa aseda mmra n’anim, na monto ahosɛpɛw nnwom nkamfo no. Efisɛ, Awurade yɛ Otumfoɔ Nyankopɔn, ɔhene tumfoɔ wɔ anyame nyinaa so. Odi asase nyinaa so hene fi ɔbodan a emu ware yi so kosi bepɔw a ɛware yi so. Odi ɛpo a ɔbɔe so ne asase a ɔno ara yɛe so. Mommra, momma yɛnkotow nsom no. Momma yɛnkotow Awurade yɛn yɛfo no! Ɔyɛ yɛn Nyankopɔn; yɛyɛ nnipa a ɔhwɛ yɛn; nguankuw a ɔhwɛ wɔn. Muntie asɛm a ɔka nnɛ a ɛka se,

“Monnyɛ kɔnsenee sɛnea mo agyanom yɛe wɔ Meriba; sɛnea wɔyɛe wɔ Masa sare so hɔ no. Ɛhɔ na wɔsɔɔ me hwɛe a nso na wonim nea meyɛ maa wɔn no. 10 Mfe aduanan na wɔn ho yɛ me ahi. Mekae se, ‘Sɛ na wɔyɛ nkontompofo! Wɔanni me mmara so.’ 11 Me bo fuwii na mekaa ntam se, ‘Morenkɔ asase a anka mede bɛma mo ama moahome wɔ so no so da.’”