Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn, obiara temmufo

94 Awurade, woyɛ Onyankopɔn a wotwe aso, da w’abufuw adi! Woyɛ nnipa nyinaa temmufo. Sɔre na fa nea ɛfata ahantanfo ma wɔn! Amumɔyɛfo ani begye akosi da bɛn? Da bɛn Awurade? Awudifo bɛyɛ ahantan ahoahoa wɔn ho wɔ wɔn awudi mu akosi da bɛn? Wobubu wo nkurɔfo, Awurade, wɔka wo nkurɔfo hyɛ. Wokunkum akunafo ne nyisaa ne amanfrafo a wɔte yɛn asase so. Wɔka se, “Awurade nhu yɛn; Israel Nyankopɔn nhu.”

Me nkurɔfo, adɛn nti na ɛsɛ sɛ moyɛ agyimifo saa? Da bɛn na mubesua nyansa? Onyankopɔn a ɔbɔɔ yɛn aso; ɔnte asɛm? Ɔbɔɔ yɛn ani; onhu ade? 10 Ɔno na aman hyɛ n’ase; ɔrentwe wɔn aso? Ɔno ne nnipa nyinaa kyerɛkyerɛfo; onni osuahu bi?

11 Awurade nim wɔn nsusuwii. Onim nyansa a enni wɔn nsusuwii mu no. 12 Awurade, ahotɔ bɛn na onipa a wokyerɛ no no nnya; onipa a wokyerɛ no wo mmara no. 13 Woma ɔhome fi nna a ɔhaw wɔ mu mu kosi sɛ wotu amoa ma omumɔyɛfo tɔ mu. 14 Awurade rennyaw ne nkurɔfo; ɔrentew ne ho mfi wɔn a wɔyɛ ne de ho. 15 Wobebu atɛntrenee wɔ asennii bio, na atreneefo apene so.

16 Hena na osii m’ananmu, ko tiaa amumɔyɛfo? Hena na osii m’ananmu ko tiaa nnebɔneyɛfo? 17 Sɛ Awurade ammoa me a anka mekɔɔ kommyɛbea. 18 Mekae se, “Meretew ahwe;” nanso, O Awurade, wo dɔ a ɛnsa da no soo me mu.

19 Bere biara a me ho ntɔ me no, wokyekye me werɛ ma m’ani gye. 20 Wo ne atemmufo a wobu atɛnkyew ma atɛnkyew yɛ atɛntrenee 21 na wɔpam tia nnipa pa na wobu wɔn kumfo no nni biribiara yɛ. 22 Nanso Awurade bɔ me ho ban; me Nyankopɔn bɔ me ho ban. 23 Ɔbɛtwe wɔn aso wɔ wɔn amumɔyɛ no ho na wɔn bɔne nti, wasɛe wɔn; Awurade, yɛn Nyankopɔn bɛsɛe wɔn.