Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn, yɛn hwɛfo

91 Obiara a wobɛkɔ Awurade nkyɛn sɛ wo guankɔbea, obiara a ɔbɛhyɛ Otumfoɔ no banbɔ ase no tumi ka kyerɛ no se, “Woyɛ me hwɛfo ne me guankɔbea. Woyɛ me Nyankopɔn na mewɔ wo mu ahotoso.” Ɔbɛkora wo afi bɔne a ahintaw nyinaa ne ɔyarewu nyinaa ho. Ɔde ne ntaban bɛkɛta wo so; ne hwɛ mu, hwee renyɛ wo. Ne nokware bɛbɔ wo ho ban. Ɛnsɛ sɛ wusuro anadwo mu amanehunu anaa awia mu ɔtaa anaa ɔyaredɔm a ɛba anadwo anaa amumɔyɛde a ɛsɛe ade awia ketee.

Apem totɔ wo nkyɛn na ɔpedu totɔ wo nifa a, wo de, ɛrenka wo. W’ani nko na wode bɛhwɛ na wahu nnebɔneyɛfo asotwe. Woayɛ Awurade wo hwɛfo, ɔsorosoroni no wo guankɔbea 10 enti asiane biara mma wo so, na basabasayɛ biara remmɛn w’atenae. 11 Onyankopɔn bɛma n’abɔfo abɛwɛn wo na baabiara a wobɛkɔ no, wɔabɔ wo ho ban. 12 Wobesuso wo mu wɔ soro sɛnea wo nan renhintiw, mpira. 13 Wubetiatia agyata ne awɔ, agyata a wɔn ho yɛ hu ne awɔ a wɔn ano bɔre yɛ den so.

14 Onyankopɔn se, “Megye wɔn a wɔdɔ me no nkwa, na mabɔ wɔn a wonim me sɛ Awurade no ho ban. 15 Sɛ wɔfrɛ me a, megye wɔn so; sɛ ɔhaw to wɔn a, mɛka wɔn ho. Megye wɔn na mahyɛ wɔn anuonyam. 16 Mɛma wɔn nkwa nna aware. Megye wɔn nkwa.”