Add parallel Print Page Options

Kamfo a wɔkamfo Yerusalem

87 Awurade kyekyeree ne kurow wɔ bepɔw kronkron so; Israel baabiara nni hɔ a ɔpɛ sen Yerusalem.

Tie, Onyankopɔn kurow, nsɛm nwonwa a ɔka fa wo ho se, “Sɛ merehyehyɛ nkurow a wotie me din a, mede Misraim ne Babilonia bɛka ho. Mɛkan wɔn afra Yerusalem ne Filisti ne Tiro ne Sudanfo mu.” Wɔka fa Sion ho se aman nyinaa yɛ ne de na Otumfoɔ bɛhyɛ no den. Awurade bɛkyerɛw nnipa din na ɔde wɔn aka ho sɛ Yerusalem. Wɔto dwom saw, se, “Sion ne baabi a nhyira fi ba.”