Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn, Ɔhene Kɛse

82 Onyankopɔn yɛ ɔsoro agyinatufo panyin. Anyame betwa hyia a, ɔno na obu atɛn se, “Munnyae atɛnkyewbu; mummmu amumɔyɛfo atɛnkyew. Mommɔ ahiafo ne akunafo yiyedi ho ban. Mummmu mo ani nngu ahiafo ne wɔn a wonni aboafo so. Munnye wɔn mfi nnipa amumɔyɛfo tumi ase. Nim a munnim ne nkwasea a moyɛ! Moadan nnebɔneyɛfo ama atɛntrenee ayera wɔ wiase! Mekae se, “Moyɛ anyame; mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma. Nanso mubewuwu sɛ nnipa; mo nkwa nna to betwa sɛ ɔhene ba biara.” Bra, O Onyankopɔn, na bedi wiase so; aman nyinaa yɛ wo dea.