Add parallel Print Page Options

Atemmu mpaebɔ

O Awurade, me Nyankopɔn, meba wo nkyɛn sɛ bɔ me ho ban. Gye me fi wɔn a wɔtaa me no nsam. Na wɔansoa me ankɔ sɛ obi a gyata akyere no a obiara rentumi nnye me nkwa na wɔatetew me mu asinasin. O Awurade me Nyankopɔn, sɛ mayɛ obi bɔne, anaasɛ mayi obi ama, anaasɛ mayɛ obi a ɔne me te yiye bɔne a, anaa mebɔ me tamfo korɔn kwa a, anaa mayɛ eyinom mu bi a, ma m’atamfo ntaa me nkyere me; ma wontwa me nhwe fam na wonkum me na wonnyaw me funu wɔ fam.

Sɔre wɔ w’abufuw mu, O Awurade! Sɔre tia m’atamfo abufuw. Ma wo ho so na boa me. Atɛntrenee na wohwehwɛ; enti ma nnipa nyinaa mmetwa wo ho nhyia na fi soro di wɔn so. Wone adasamma temmufo; enti O Awurade, di ma me efisɛ, wunim me mu fann.

Woyɛ Onyankopɔn ɔtreneeni a wubu yɛn adwene ne yɛn apɛde atɛn. Siw nnebɔneyɛfo kwan na hyira atreneefo.

10 Onyankopɔn yɛ me hwɛfo. Ogye wɔn a wotie n’asɛm nkwa.

11 Onyankopɔn yɛ ɔtemmufo treneeni a daa obu nnebɔneyɛfo fɔ. 12 Na sɛ wɔansesa wɔn akwan a, Onyankopɔn bɛsew ne nkrante. Okuntun ne tadua mu siesie no. 13 Ɔfa n’akode a ɛyɛ hu de ne bɛmma a ɛredɛw no sɔn wɔn so.

14 Sɛɛ na nnebɔneyɛfo dwen bɔne ho; wodwen ɔhaw ho na wɔaso nnaadaa mu. 15 Na firi a wosum afoforo no, wɔn ara na eyi wɔn. 16 Enti wɔn ankasa wɔn bɔne na ɛtwe wɔn aso na wɔn basabasayɛ apira wɔn.

17 Meda Awurade ase wɔ n’atɛntrenee ho. Meto ayeyi nnwom ma Awurade, Ɔsorosoroni no.