Add parallel Print Page Options

Osufrɛ

69 Gye me nkwa, O Onyankopɔn! Nsu no deda me kɔn mu. Meremem wɔ atɛkyɛ mu, na asase a ɛso wo nni baabi. Madu subunu mu na asorɔkye no pɛ sɛ ɛfa me. Mafrɛ mabrɛ. Me menem ayow. M’ani yɛ me yaw efisɛ, magyen no ara repɛ wo mmoa. Wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso sen me tiri so nhwi. M’atamfo twa atoro to me so; wɔyɛ den na wɔrepɛ akum me. Wɔma medan nneɛma a manwia mema.

O Onyankopɔn, me bɔne so nkata wɔ w’anim. Wunim kwasea a mayɛ. Mma mennsoa aniwu mmmrɛ wɔn a wɔde wɔn ho to wo so. Otumfoɔ Awurade no so! Mma memmfa aniwu mmɛto wɔn a wɔsom wo so, O lsrael Nyankopɔn! Wo nti na wɔkasa tia me, nti aniwu akata me so. Mete sɛ ɔhɔho wɔ me nuanom mu. Mete sɛ ɔmanfrani wɔ m’abusua mu. Me ho a mede ama wo fi no hyehye me mu te sɛ ogya. Kasatia a wɔkasa tia wo no ka me. 10 Menam akɔnkyen so brɛ me ho ase, na nnipa kasa tia me. 11 Mifura ayiasetam, na wɔserew me. 12 Wɔka me ho nsɛm wɔ mmorɔn so; akɔwensafo de me too nnwom. 13 Nanso me de, mɛbɔ wo mpae, Awurade; gye me so, Onyankopɔn, wɔ bere a wopɛ mu. Wo dɔ kɛse nti, gye me so efisɛ, woahyɛ bɔ sɛ wubegye me nkwa. 14 Mma memmmem wɔ atɛkyɛ mu. Gye me fi m’atamfo nsam, na gye me fi nsu a emu dɔ mu.

15 Mma nsu nnyiri mmfa me. Mma memmmem wɔ bunu anaa damoa mu. 16 Gye me so, Awurade, wɔ wo dɔ pa a wode dɔ me daa no mu. W’ahummɔbɔ mu, dan w’ani hwɛ me! 17 Mfa wo ho nhintaw wo somfo; mewɔ ɔhaw mu na gye me so mprempren! 18 Bra me nkyɛn na begye me. Gye me fi m’atamfo nsam. 19 Wunim sɛnea wɔkasa tia me ne sɛnea wogu m’anim ase sɛe m’anuonyam. Wuhu m’atamfo nyinaa.

20 Kasatia hyɛ me koma so ama m’anidaso asa. Na minim sɛ obi bɛma me due, nanso mannya obi. Mepɛɛ awerɛkyekye nanso mannya bi. 21 Ɔkɔm dee me no, wɔmaa me awuduru. Osukɔm dee me no, wɔmaa me nsanyinyanyinya. 22 Wɔn apontow mfa wɔn nkɔ ɔsɛe mu. Ma wɔn adidi a wɔatew ho no mmɔ wɔn fam. 23 Ma wɔn ani mfurafura. Na ma wɔn akyi nyɛ mmerɛw. 24 Fa w’abufuw kɔ wɔn so, na ma w’abufuw mmene wɔn. 25 Ma wɔn atenae nyɛ amamfo. Mma obiara ntena nkwa mu wɔ wɔn ntamadan mu. 26 Wɔtaa wɔn a woatwe wɔn aso. Wɔka wɔn a woapira wɔn no amanehunu ho asɛm. 27 Kyerɛw wɔn bɔne a wɔayɛ gu hɔ. Mma wɔnnkɔka wo nkwagyedwuma no ho. 28 Popa wɔn din fi ateasefo nhoma no mu. Mfa wɔn din nka wo nkurɔfo de ho.

29 Nanso mewɔ yaw mu, na m’anidaso asa. Ma me so, O Onyankopɔn, na gye me nkwa! 30 Mɛto dwom akamfo Onyankopɔn; mɛda no ase de ada ne kɛseyɛ adi. 31 Eyi bɛsɔ Awurade ani yiye sen nantwi afɔrebɔ; ɛsen nantwinini a wanyin afɔrebɔ. 32 Sɛ mmɔborɔni hu eyi a, n’ani begye. Na wɔn a wɔsom Onyankopɔn benya nkuranhyɛ. 33 Awurade tie wɔn a ade ahia wɔn, na ne werɛ mfi ne nkurɔfo a wɔyɛ nneduafo.

34 Monkamfo Onyankopɔn, O ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa. 35 Obegye Yerusalem, na wasan akyekye Yuda nkurow. Ne nkurɔfo bɛtena hɔ na wɔafa asase no. 36 N’asomfo asefo na wɔbɛfa hɔ, na wɔn a wɔpɛ n’asɛm no atena hɔ.