Add parallel Print Page Options

Ogye ho mpaebɔ

64 Mewɔ ɔhaw mu, Onyankopɔn, na tie me mpaebɔ! Misuro m’atamfo; gye me nkwa. Bɔ me ho ban fi amumɔyɛfo ne nnebɔneyɛfo dɔm nsam. Wɔsew wɔn tɛkrɛma sɛ nkrante na wɔpɛ atirimɔden nsɛm te sɛ agyan. Wɔnkyɛ atorosɛm a wɔn ani nwu ne ka ho. Wɔka nnipa pa ho nsɛm a enye de sopa wɔn. Wɔhyɛ wɔn ho nkuran wɔ wɔn amumɔyɛ nneyɛe ho. Wodwen baabi a wobesum wɔn firi ho na wɔka se, “Obiara renhu wɔn.” Wɔhyehyɛ amumɔyɛ ho ka se, “Bɔne nhyehyɛe a yɛayɛ yi ho nni asɛm.” Onipa koma ne n’adwene yɛ anwonwade.

Nanso Onyankopɔn tow n’agyan kyerɛ wɔn so, na prɛkopɛ, wopirapira. Saa nsɛm no nti, ɔbɛsɛe wɔn. Wɔn a wohu wɔn nyinaa bɛwosow wɔn ti. Wɔn nyinaa besuro. Wobedwen nea Onyankopɔn ayɛ ho na wɔaka dwuma a odi. 10 Atreneefo nyinaa ho bɛsɛpɛw wɔn wɔ nea Awurade ayɛ ho. Wobenya nkwagye wɔ ne mu na nnipa pa nyinaa bɛkamfo no.