Add parallel Print Page Options

Mpae a wɔbɔ ma Onyankopɔn twe amumɔyɛfo aso

58 Ampa ara sɛ mo atumfoɔ mubu atɛntrenee? Mubu nnipa nyinaa atɛn pɛpɛɛpɛ? Dabi! Mudwen amumɔyɛ a mubetumi nko ara ho na moayɛ bɔne akɛse wɔ asase no so. Amumɔyɛfo fom daa wɔ wɔn nkwa nna mu. Wodi atoro fi da a wɔde woo wɔn. Bɔre ahyɛ wɔn ma te sɛ awɔ. Wosisiw wɔn aso te sɛ ɔprammini sotifo a ɔnte ɔwɔ ntafowayifo no nne, anaa nkonyaayifo a ɔyɛ den dwom.

Bubu saa agyata a wɔn ho yɛ hu yi se, O Onyankopɔn. Ma wontwa mu nkɔ sɛ sunsuansu; ma wɔnyam wɔn sɛ wura a egu kwan mu. Ma wɔnyɛ sɛ nwaw a amanaman fa wɔn. Ma wɔnyɛ sɛ abanoma a owu awoe na onhu hann. Ansa na wobehu no na wɔatwa wɔn sɛ wura, na Onyankopɔn abufuw mu, obehuw wɔn agu wɔ bere a wɔte ase.

10 Sɛ wɔtwe nnebɔneyɛfo aso a, atreneefo ani begye. Wɔbɛnantew afa amumɔyɛfo no mogya mu. 11 Nnipa bɛka se, “Ampa ara wɔatua atreneefo ka na, nokware, Onyankopɔn a obu wiase atɛn wɔ hɔ.”