Add parallel Print Page Options

Adamfo a n’adamfo ayi no ama mpaebɔ

55 O Onyankopɔn, tie me mpaebɔ. Nnan wo ho nkyerɛ me nkotosrɛ! Tie me na bua me! Me dadwene ama mabrɛ. M’atamfo ahunahuna abɔ me hu na amumɔyɛfo nyadi abubu me. Wɔma ɔhaw ba me so; wɔn bo afuw me, na wɔtan me. Mabɔ hu na owu ahunahuna abubu me. Ehu ne ahopopo akyekyere me. Ahohuru afa me. Sɛ mewɔ ntaban sɛ aburuburu a, anka metu akɔpɛ homebea akyirikyiri. Anka metu akɔ akyirikyiri akɔkyekyere fi wɔ sare so. Anka, ntɛm so, mɛpɛ hintabea afi mframa a ano yɛ den ne ahum ano.

O Awurade! Toto m’atamfo kasa. Mihu basabasayɛ wɔ kuropɔn no mu 10 awia ne anadwo ama bɔne ne ɔhaw ahyɛ no ma. 11 Amumɔyɛ wɔ baabiara. Nsisi ne nnaadaa ahyɛ mmɔnten so ma.

12 Sɛ ɛyɛɛ ɔtamfo na ɔreserew me a, anka metumi agyina ano; sɛ ɛyɛɛ ɔtamfo na ɔrehoahoa ne ho kyerɛ me a, anka metumi de me ho asie no. 13 Nanso, ɛyɛ wo, me yɔnko pa. 14 Me ne wo aka atirimsɛm asom wɔ Hyiadan baako mu.

15 M’atamfo nwuwu ansa na wɔn bere aso. Ma wɔnkɔ asaman anikan. Bɔne wɔ wɔn afi ne wɔn koma mu. 16 Nanso misu frɛ Awurade Nyankopɔn sɛ ɔmmoa me na obegye me nkwa nso. 17 Anɔpa, awia, anadwo, me nsɛm ne m’apinisi kɔ ne nkyɛn na ɔbɛte me nne. 18 Ɔde me befi ɔko a mereko atia m’atamfo dodow no mu no aba dwoodwoo.

19 Onyankopɔn a wadi hene fi tete no betie me na wadi wɔn so efisɛ, wɔmpɛ sɛ wɔsakra, na wonsuro no nso.

20 Me yɔnko a odi kan kɔɔ ne nnamfonom so. Wanni ne bɔhyɛ so. 21 Na n’ano asɛm yɛ dɛ sen wo, nanso na ɔtan wɔ ne koma mu. Ne nsɛm yɛ brɛoo sɛ ngo, nanso etwa te sɛ nkrante a ɛyɛ nnam.

22 Gyaa wo haw mu ma Awurade na ɔbɛko agye wo. Ɔremma ɔnokwafo nni nkogu. 23 Nanso, wo, O Onyankopɔn, bɛma awudifo ne atorofo akɔ wɔn damoa mu ansa na wɔawie wɔn nkwa nna fa. Me de, mede me ho meto wo so.