Add parallel Print Page Options

Ogye mpaebɔ

O Awurade, tie me mpaebɔ ne m’ahomegu. Me Nyankopɔn ne me Hene, tie me sufrɛ na boa me. O, Awurade, wote me nne anɔpa. Owia pue a, mebɔ mpae na metwɛn wo mmuae.

Wonyɛ Onyankopɔn a adebɔne sɔ w’ani, na womma bɔne ho kwan wɔ w’anim. Wokyi ahantanfo na wukyi nnebɔneyɛfo nso. Wosɛe atorofo na wubu basabasayɛfo ne asisifo animtia.

Nanso esiane wo dɔ bebrebe nti, mitumi ba wo fi. Mitumi som wo wɔ w’asɔredan kronkron no mu, na mekotow wo wɔ nidi mu.

Awurade, mewɔ atamfo bebree. Kyerɛ me kwan na menyɛ w’apɛde; kyerɛ me. Kyerɛ me kwan na memfa so. Nea m’atamfo ka no nnim. Ɔpɛ ara na wɔpɛ sɛ wɔsɛe me. Nnaadaa ne adɛfɛdɛfɛ wɔ wɔn nsɛm mu, nanso ne nyinaa yɛ awudisɛm. 10 O Onyankopɔn, bu wɔn fɔ, na twe wɔn aso. Na ma wɔn adwemmɔne mfa wɔn nkɔ ɔsɛe mu. Esiane wɔn bɔne dodow ne tia a wɔsɔre tia wo no nti, pam wɔn fi w’anim.

11 Nanso wɔn a wonya wo nkyɛn guankɔbea no ani gye; na daa wobetumi ato dwom anigye so. Bɔ wɔn a wɔdɔ wo no ho ban. Esiane wo nti, wɔwɔ anigye. 12 Awurade, wuhyira wɔn a wotie w’asɛm. Wo dɔ bɔ wɔn ho ban sɛ kyɛm.