Add parallel Print Page Options

Ahonya mu ahotoso yɛ nkwaseasɛm

49 Obiara ntie saa asɛm yi! Muntie, nnipa a mowɔ mmaa nyinaa, akɛse ne nketewa, adefo ne ahiafo nyinaa. M’adwenem bɛdɔ. Mɛka anyansasɛm. Mebu bɛ na makyerɛ ase bere a merebɔ me sanku. Minsuro bɔne bi bere a atamfo ne nnebɔneyɛfo a wɔde wɔn ho to ahonya so na wɔhoahoa wɔn ho wɔ wɔn ahonya mu no atwa me ho ahyia. Onipa ntumi nnye ne ho mfi ɔhaw mu; ɔrentumi ntua ne nkwa ho ka mma Onyankopɔn. Efisɛ, onipa nkwa so akatua bo yɛ den. Nea obetumi atua no rentumi ntwe no mfi damoa mu mma ɔntena nkwa mu daa daa.

10 Obiara nim pefee sɛ anyansafo mpo wu. Saa ara na nkwaseafo ne agyimifo nso wu. Wɔn nyinaa gyaw wɔn ahonya no hɔ ma wɔn asefo. 11 Wɔn adamoa yɛ wɔn fi afebɔɔ. Ɛwom sɛ na wɔwɔ wɔn ara wɔn nsase nanso ɛhɔ na wɔtena daa nyinaa. 12 Onipa kɛseyɛ rentumi nnye no nkwa mfi owu mu. Ɛyɛ dɛn ara a, obewu te sɛ nea mmoa nso wu. 13 Hwɛ nea ɛba wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ho so no so, nea ɛba wɔn a wɔn ani sɔ wɔn ahonya no so.

14 Wɔadome wɔn sɛ wonwu sɛ nguan, na Owu na ɔbɛyɛ wɔn hwɛfo. Atreneefo bedi wɔn so nkonim bere a wɔn honam aporɔw wɔ asaman a ne kwan ne wɔn afi ware no.

15 Nanso Onyankopɔn begye me. Obegye me afi owu tumi ase. 16 Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnhaw wo; na sɛ onya ma ɛboro so nso a, saa ara. 17 Sɛ owu a, ɔrentumi mfa nkɔ. N’ahonya no ne no renkɔ damoa mu. 18 Mpo sɛ obi ani sɔ asetena yi na esiane sɛ odi yiye nti, nnipa kamfo no a, 19 ɔbɛkɔ akɔka n’asefo ho wɔ owu mu a esum wɔ hɔ daa nyinaa no. 20 Onipa kɛseyɛ rentumi nnye no mfi owu mu; obewu te sɛ nea mmoa wu ara pɛ!.