Add parallel Print Page Options

Sion, Onyankopɔn kurow

48 Awurade yɛ ɔkɛse enti ɛsɛ sɛ wɔkamfo no yiye wɔ yɛn Nyankopɔn kurow a ɛwɔ bepɔw kronkron no so no mu. Sion, Onyankopɔn bepɔw no korɔn na ɛyɛ fɛ. Ɔhene kɛse no kurow no de ahosɛpɛw ba wiase mmaa nyinaa.

Onyankopɔn ada no adi sɛ asomdwoe wɔ ne mu wɔ kurow no aban akɛse no mu. Ahemfo yi boaa wɔn ho ano kotuaa Sion bepɔw. Nanso wohui no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa. Wosuroe, enti woguanee. Ɛhɔ na ehu ne ɔhonam mu yaw kaa wɔn te sɛ ɔbea a awo aka no, anaasɛ ɛhyɛn a ɛrebɔ mpata biribibiri wɔ ahum mu. Yɛate nea Onyankopɔn ayɛ na mprempren yɛahu wɔ yɛn Nyankopɔn, Awurade Tumfoɔ kurow no mu; ɔbɛbɔ kurow no ho ban daa daa.

Wo fi no mu, O Onyankopɔn, na yedwen daa dɔ a wowɔ no ho. 10 Nnipa kamfo wo mmaa nyinaa, na wo din atrɛw wɔ asase so mmaa nyinaa. Wudi hene nokwarem. 11 Ma Sionfo ani nnye. Wubu atɛntrenee. Ma ahosɛpɛw mmra Yuda nkurow mu! 12 Onyankopɔn nkurɔfo twa Sion ho hyia kan n’abantenten. 13 Hwɛ n’afasuw na hwɛ n’aban akɛse no yiye na woaka ho asɛm akyerɛ nkyirimma.

14 “Saa Onyankopɔn yi yɛ yɛn Nyankopɔn daa daa. Obedi yɛn anim nna a ɛreba no nyinaa mu.”