Add parallel Print Page Options

Onyankopɔn ka yɛn ho

46 Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden a wasiesie ne ho sɛ ɔbɛboa ɔhaw bere mu. Enti sɛ asase rewosow koraa a, yensuro, na sɛ mmepɔw tutu kogu ɛpo bon mu nso a, saa ara. Sɛ ɛpo huru so anibere so na nkoko wosow nhuruso no mu a, saa ara.

Asu bi wɔ hɔ a ɛde ahokeka ba Onyankopɔn kurow mu, Ɔsorosoroni kronkron no fi. Onyankopɔn te saa kurow no mu, na obiara rensɛe no da; anɔpahema, ɔbɛba abɛboa. Aman ho popo na ahemman nso wosow. Onyankopɔn pae aprannaa na asase mene.

Awurade Tumfoɔ ka yɛn ho. Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea. Bɛhwɛ nea Awurade ayɛ. Hwɛ anwonwade a wayɛ wɔ asase so. Ɔpata wiase ko nyinaa. Obubu agyan, sɛe mpeaw, hyew nkatabo. 10 Ɔka se, “Munnyae ɔko no na munhu sɛ me ne Onyankopɔn, aman so tumfoɔ ne wiase tumfoɔ.”

11 Awurade Tumfoɔ ka yɛn ho. Yakob Nyankopɔn yɛ yɛn guankɔbea.