Add parallel Print Page Options

Ahohiabere mu anwummere mpae

O Onyankopɔn, woaka se meyɛ pɛ wɔ w’anim; daa wohwɛ me wɔ m’ahohia mu; enti mprempren tie me sufrɛ. Hu me mmɔbɔ. Tie me mpaebɔ.

Mobɛbɔ me ahohora akosi da bɛn? Mubedi nneɛma hunu ne nea enye akyi akosi da bɛn?

Kae sɛ Awurade ayi atreneefo ama ne ho; na sɛ misu frɛ no a, otie me. Bɔ hu, na gyae bɔne yɛ; sɛ woda wo mpa so komm a, dwen eyi ho kɔ akyiri. Bɔ afɔre a ɛfata ma Awurade, na fa wo werɛ hyɛ ne mu. Nnipa bebree srɛ sɛ: “O Awurade, hyira yɛn na yɛ yɛn adɔe!” Nanso anigye a woama me anya no dɔɔso sen wɔn aburow ne wɔn nsa a wobenya daakye nyinaa. Sɛ metɔ hɔ a, meda asomdwoe mu; O wo Awurade nko na hwɛ me so.