Add parallel Print Page Options

Awurade nne wɔ ahum mu

29 Mo ɔsorosorofo, monkamfo Awurade; monkamfo n’anuonyam ne ne tumi. Monkamfo ne din a anuonyam ahyɛ no ma no. Sɛ Kronkronni no pue a, monkotow no. Wɔte Awurade nne wɔ ɛpo so. Anuonyam Nyankopɔn bɔ aprannaa ma ne nne tra ɛpo so. Wɔte Awurade nne wɔ tumi ne ahoɔden mu. Awurade nne bubu sida, Lebanon sida mpo. Ɔma Lebanon ne Sirion mmepɔw nyinaa huruhuruw te sɛ nantwi ba. Awurade nne ma aprannaa pae. Ne nne ma sare so wosow. Ɔwosow Kadeɛ sare. Awurade nne wosow adum ma ɛso nhaban porow gu bere a obiara a ɔwɔ ne Fi no teɛm se, “Anuonyam nka Onyankopɔn!” no.

10 Awurade di nsu a emu dɔ nyinaa so; odi hene daa daa. 11 Awurade ma ne nkurɔfo ahoɔden, hyira wɔn, ma wɔn asomdwoe nso.