Add parallel Print Page Options

Mmoa mpaebɔ

28 O Awurade, me gyefo, mefrɛ wo; tie me sufrɛ! Sɛ woannye me so a mɛfra wɔn a wɔkɔ asaman no mu. Sɛ misu frɛ se boa me na mema me nsa so kyerɛ wo fi hɔ a, tie me.

Mmu me fɔ mfa me mfra nnebɔneyɛfo, wɔn a wɔyɛ bɔne no; nnipa a wɔn anom nsɛm yɛ dɛ nanso wɔwɔ ɔtan wɔ wɔn koma mu no mu. Twe wɔn aso wɔ nea wɔayɛ no so; wɔn bɔne a wɔayɛ no so. Twe wɔn aso wɔ wɔn nneyɛe nyinaa so. Nea ɛfata wɔn no, fa ma wɔn! Wonhu nea Awurade ayɛ ne ne nsa ano nnwuma; enti ɔbɛtwe wɔn aso na wasɛe wɔn korakora.

Kamfo Awurade; watie me sufrɛ. Awurade bɔ me ho ban; mewɔ ne mu ahotoso. Ɔboa me na m’ani gye. Mede ayeyi nnwom kamfo no. Awurade bɔ ne nkurɔfo ho ban; ɔbɔ ne hene a wayi no no ho ban, gye no nkwa.

Awurade, gye wo nkurɔfo nkwa, na hyira wɔn a wɔyɛ wo dea. Yɛ wɔn guanhwɛfo na hwɛ wɔn so daa nyinaa.